Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Tesalonikafoɔ 2:5 - Apam Foforɔ

5 Sɛnea honim na Nyankopɔn yɛ danseni he, yɛamfa nnaadaasɛm ne baeɛ, ne asɛm biaa a yɛka kyerɛɛ ho he, yɛanka sɛ ɔbɛyɔ a yebenya mfasoɔ ya ho so nti;

Gade chapit la Kopi




1 Tesalonikafoɔ 2:5
34 Referans Kwoze  

Menam bɛ a mesomaa bɛ ho nkyɛne he mu bi so asisi ho anaa?


Na Nyankopɔn a mede me honhom som no a mepae mu ka ne Ba he ho asɛmpa he, ɔno ne me danseni sɛ mennyae ho nkaeɛ wɔ me mpaebɔ mu,


M’ani mmere biaa dwetɛ, sikakɔkɔɔ anaa bi ntoma.


Nea meetwerɛ abra ho yi, Nyankopɔn ne me danseni sɛ, menni torɔ!


Saa atorɔ adiyifoɔ yi nam bɛ adufudepɛ so bɛka nnaadaasɛm akyerɛ ho de apɛ ho ho mfasoɔ. Na bɛ deɛ bɛ atemmuo a ɔya hɔ firi teteete he ntwentwɛne ase, saa nso ne bɛ sɛefoɔ he nso gyina bɛ aboboa ano pɛɛ.


Honyɛne nnwankuo a Nyankopɔn de bɛ ahyɛ ho nsa he, na honnyɔ no nhyɛ so, na mmom honyɔ no dɔ mu, sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ; ɔnyɛ adufudepɛ nti, na mmom akoma pa mu.


Na ɔsɛ sɛ asafo mu hwɛfoɔ yɛ bi a biaa onnya ne ho asɛm nka sɛ Nyankopɔn fie so hwɛsofoɔ. Ɔnsɛ sɛ ɔyɛ ahomasoɔ, bi a ne bo fu ntɛm, bi a ɔyɛ nsadweam, bi a ɔyɛ pupopupo anaa bi a ɔde adufudeɛ pɛ mfasoɔ;


Hoyɛ adansefoɔ, na ne Nyankopɔn nso di adanseɛ sɛ, yɛyɛɛ yɛ ho kronkron ne ateneneefoɔ ne nnipa a bɛ ho nni asɛm maa ho agyidifoɔ.


Hommie ho akoma mu mma yɛ; yɛnyɔɔ biaa bɔne, yɛnsɛe biaa, yɛnsisii biaa.


Na bɛkeka akokurokosɛm a mfasoɔ biaa nni so, na bɛnam honam akɔnnɔ ne ahohwie so to bɛ a afei ne bɛatete bɛ ho afiri nnebɔnyɛfoɔ ho he mmradɛ.


Saa ne asafo mu asomfoɔ nso ɔsɛ bɛ sɛ bɛ anim yɛ duru, na bɛnyɛ ano ntanta, nsadweam, adufudepɛfoɔ;


na ɔnyɛ nsadweam, ɔnyɛ pupopupo na mmom ɔdwo, na afei ɔnyɛ ntɔkwapɛfoɔ anaa sikaniberɛ.


Yɛatwe yɛ ho afiri sum ase nnoɔma a ɔyɛ aniwuo he ho; yɛmma nnaadaa mma yɛ akwane mu; saa ara nso ne yɛmfra Nyankopɔn asɛm mu; na mmom yɛda nɔkorɛ he adi de di yɛ ho adanseɛ kyerɛ nnipa nyinaa ahonim ya Nyankopɔn anim.


Na yɛnte sɛ nnipa bebree a bɛnam ɔɔtɔno Nyankopɔn asɛm he, na mmom sɛ bɛ a beyi bɛ yam kasa, Nyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu ya Nyankopɔn anim.


efiri sɛ nnipa a bɛte saa he nsom yɛ Awurade Kristo, na mmom bɛsom bɛ a bɛ akɔnnɔ, na bɛde kɛtrɛma dɛ ne adɛfɛdɛfɛsɛm daadaa bɛ a bennim bɔne he akoma.


Meeka Kristo mu nɔkorɛ, meenni torɔ; Honhom Kronkron nam m’ahonim so di adanseɛ.


“Nso ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hosi nipa kwane soro ahennie mu nipa anim, ho ankasa nso honkɔ mu, na sɛ binom ɔɔkɔ mu a, hosi bɛ kwane.


Nti bɛsomaa bɛ asuafoɔ ne Herodefoɔ kɔɔ ne nkyɛne, kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woyɛ nɔkwafoɔ, wonam nɔkorɛ so kyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane, na wonsuro nipa biaa, saa nso ne wonhwɛ nnipa anim.


Mmusuo nka bɛ! Efiri sɛ, kwane a Kain faa so heaa so ne bɛnam, na mfasoɔ nti, bɛde bɛ ho ahyɛ mfomsoɔ a Bileam yɔeɛ he bi ase. Bɛayɔ dɔm sɛnea Kora yɔɔ dɔm he nam so ma bɛasɛe bɛ sɛ ɔno.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite