Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Tesalonikafoɔ 2:4 - Apam Foforɔ

4 na sɛdeɛ Nyankopɔn abu no sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa he hyɛ yɛ nsa he, saa ara nso ne yɛkasa, ɔnyɛ sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom Nyankopɔn a ɔsɔ yɛ akoma hwɛ he ani.

Gade chapit la Kopi




1 Tesalonikafoɔ 2:4
38 Referans Kwoze  

Na afei, nnipa ne mepɛ sɛ bɛgye me tom anaa Nyankopɔn? Anaa mepɛ sɛ mesɔ nnipa ani? Sɛ meda so hwehwɛ sɛ mɛsɔ nnipa ani a, hedeɛ, na menyɛ Kristo akoa.


Na Nyankopɔn a, ɔhwehwɛ akoma mu pefee he, nim Honhom he adwene, efiri sɛ Honhom he di ma ahoteefoɔ he sɛnea Nyankopɔn pɛ.


na mmom, berɛ a behuu sɛ bɛde bɛ a bentwaa bɛ twetia mu asɛmpa-ka ahyɛ me nsa, sɛnea Petro nso bɛde twetiatwafoɔ mu asɛmpa ka ahyɛ ne nsa he


Adepa a ɔde ahyɛ wo nsa he, fa Honhom Kronkron a ɔte yɛ mu he sɔ mu yie.


nyɛ ani so som mu, te sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a hoayi ho yam ɔɔyɔ nea Nyankopɔn pɛ.


na berɛ a ɔsɛ mu he, oyii n’asɛm adi, asɛnka a bɛnam yɛ Agyenkwa Nyankopɔn hyɛ so de ahyɛ me nsa he mu;


Ewom sɛ me ne ahoteefoɔ he nyinaa mu kumaa koraa, nso bɛde adom yi maa me sɛ memfa so nna asɛm a ɔyɛ Kristo ahonya mu a onni hwehwɛbea he adi nkyerɛ amanamane mufoɔ.


Yɛatwe yɛ ho afiri sum ase nnoɔma a ɔyɛ aniwuo he ho; yɛmma nnaadaa mma yɛ akwane mu; saa ara nso ne yɛmfra Nyankopɔn asɛm mu; na mmom yɛda nɔkorɛ he adi de di yɛ ho adanseɛ kyerɛ nnipa nyinaa ahonim ya Nyankopɔn anim.


Sɛ meyi me yam yɔ a, mewɔ akatua, sɛ nso meyɔ no amemenemfe mu a, ɔyɛ dɛaa asɛmpa he ho asodie da me so.


Nti sɛ hoanni nɔkorɛ ahonyadeɛ a ɔntene mu a, hwane ne de ahonyadeɛ pa bɛhyɛ ho nsa?


Afei, meku n’akyidifoɔ he, na asafo he nyinaa behu sɛ mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu. Metua ho mu biaa ka sɛnea ne nwuma teɛ.


Na abɔdeɛ biaa ntumi nhinta no, ne nyinaa da adagya na so abie a ɔda deɛ yɛ nyinaa bebu nkonta akyerɛ no he anim pefee.


Timoteo, bɔ nea bɛde ahyɛ wo nsa he ho bane. Kwati nsɛmhuhuo ɔne nea bɛfrɛ no nimdeɛ nso ɔnte saa;


Nkoa, honyɔ setie mma ho asaase so wuranom adeɛ nyinaa mu, ɔnyɛ anisoɔ som mu sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom akoma pa mu a ɔkyerɛ sɛ hosuro Awurade.


Saa nti, yɛbɔ mmɔdene sɛ yebetu afoforɔ fo osiane sɛ yenim Awurade suro nti; na yɛ deɛ Nyankopɔn nim yɛ, na mewɔ anidasoɔ sɛ honim yɛ yie ho ahonim mu.


Na deɛ wote firii m’anum adansefoɔ bebree anim he, ɔnoaa ne fa hyɛ nnipa anokwafoɔ a bebetumi akyerɛkyerɛ binom nso nsa.


Nti, ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi, yennim biaa honam fam; ɔyɛ nɔkorɛ sɛ na yenim Kristo honam fam deɛ, nso yenhu no saa bio.


Afei ɔfa mmabunu ho he, Awurade mmaa me ahyɛdeɛ biaa, nso meeka m’adwene sɛ bi a Awurade mmɔborɔhunu nti ɔyɛ nɔkwafoɔ.


Obisaa no mprɛnsa so sɛ, “Simon, Yohane ba, wodɔ me anaa?” Petro werɛ hoo sɛ oobisa no mprɛnsa so sɛ “wodɔ me?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, wonim bibiaa, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nyɛne me nnwane he.”


Na Awurade buaa sɛ, Hwane koraa ne fiepanyini nɔkwafoɔ ne badwemma a ne wura de no bedi ne fiefoɔ so, sɛ ɔmma bɛ bɛ aduane berɛ a ɔsɛ mu?


Na yɛnte sɛ nnipa bebree a bɛnam ɔɔtɔno Nyankopɔn asɛm he, na mmom sɛ bɛ a beyi bɛ yam kasa, Nyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu ya Nyankopɔn anim.


Sɛ bi ɔɔka asɛm a ɔnka Nyankopɔn asɛm. Biaa a ɔsom he, mfa ahoɔdene a Nyankopɔn de ma no he nsom sɛnea bibiaa mu, bɛbɛfa Yesu Kristo so ahyɛ Nyankopɔn a animuonyam ne tumi wɔ no daadaa he animuonyam. Amen!


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite