13 Yei nti yɛda Nyankopɔn ase daa, sɛ hogyee Nyankopɔn asɛmpa a hote firi yɛ hɔ he, hoannye no sɛ nipa asɛm, na mmom hogyee no sɛdeɛ ɔteɛ ankasa, Nyankopɔn asɛm mapa a ɔɔyɔ adwuma ho agyidifoɔ ho mu.
Nɔkwasɛm di, nkwa na ahoɔdene ya Nyankopɔn asɛm mu, ano ɔnam sene sekane anofanu biaa, otumi hwire bibiaa mu koduru sɛ ɔpaepae kra firi honhom ho, akwaa firi kyim ho; na otumi bu adwene ne akoma mu nsusuiɛ atɛne.
ewom sɛ me tebea he yɛ nsɔhwɛ ma ho deɛ, nso hoammu me animtia, na hoampo me, na mmom hogyee me sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ, sɛ nea hogyee Kristo Yesu ankasa he.
Na yeinom gyee asɛm he sene bɛ a bɛya Tesalonika he, efiri sɛ bɛde bɛ adwene nyinaa gyee asɛm he, na da biaa na bɛhwehwɛ twerɛsɛm he mu yie hwɛ sɛ nsɛm he te saa anaa.
a aba ho nkyɛne na agye nhini ho mu he. Sɛnea ɔɔso aba na oonyini wiase nyinaa mu he, saa ne ɔɔso aba hoaa ho mu firi da a hoteeɛ na hotee Nyankopɔn adom he ase nɔkorɛ mu.
Na baa bi a bɛfrɛ no Lidia a ɔtɔno ntoma kɔkɔɔ a ofiri Tiatira na ɔsom Nyankopɔn he tiee yɛ asɛm he. Na Awurade biee n’akoma mu ma ɔyɛɛ aso maa nea Paulo kaeɛ he.
Nti ntɛmaa na mesoma ma bɛbaa wo nkyɛne, na woabɔ mmɔdene sɛ woaba. Yei nti yɛ nyinaa ahyiam Nyankopɔn anim saa bere yi sɛ yeebetie nea Awurade ahyɛ wo sɛ ka nyinaa.”