Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Korintofoɔ 8:1 - Apam Foforɔ

1 Na afei, nea mepɛ sɛ meka fa afɔdeɛ a bɛbɔ ma abosom ho di: yenim sɛ “yɛ nyinaa wɔ nimdeɛ.” Na saa nimdeɛ he ma ahomasoɔ, na dɔ deɛ, ɔma nkɔsoɔ.

Gade chapit la Kopi




1 Korintofoɔ 8:1
35 Referans Kwoze  

Mmom, ɔnyɛ biaa ne wɔ saa nimdeɛ yi. Esiane sɛ binom de bɛ ho ahyɛ abosom mu de besi nnɛ nti, bɛdwene sɛ aduane a bedi he yɛ deɛ bɛde ma abosom; na ɔnam sɛ bɛ ahonim ɔmmerɛ nti, bɛ ho agu fi.


Ɔnsɛ sɛ bɛ a bedi nnoɔma nyinaa he bebu bɛ a benni nnoɔma bi he animtia, na bɛ a benni nnoɔma bi he nso, ɔnsɛ sɛ bebu bɛ a bedi he atɛne; efiri sɛ Nyankopɔn agye saa nipa he.


Nso nsɛm kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi ya wo mu a bedi Bileam nkyerɛkyerɛ akyi. Saa Bileam he ne kyerɛɛ Balak ma ɔmaa Israelfoɔ dii abosom so nnuane, kyerɛɛ bɛ adwamammɔ, nam so ma bɛyɔɔ bɔne he.


Nso, ɔfa sɛ bi oodi aduane a bɛde ama abosom ho he, yenim sɛ “bosom nyɛ ade titire biaa,” efiri sɛ “Nyame biaa nni hɔ sɛ Nyankopɔn baako pɛ he.”


Na sɛ ɔyɛ bi sɛ onim bibi a, onnya nhuu sɛnea ɔsɛ sɛ ohu;


Me ankasa mewɔ awerɛhyɛmu ma ho, me nuanom, ho ankasa hoayɛ ma nnepa a ɔyɛ nyinaa mu, nimdeɛ nyinaa ahyɛ ho ma, na hotumi kyerɛkyerɛ ho ho.


ne mu ne nipadua he nyinaa akeka atoatoa mu pɛpɛɛpɛ na ɔyɔ adwuma bom ma ɔde nea ohia ma sɛnea akwaa biaa dwumadie teɛ, na ama nipadua he anyini ayɛ dene dɔ mu.


Homma ho ani nna hɔ, na honnyɔ bɔne; na binom nnim Nyankopɔn. Meka yei de hyɛ ho aniwuo.


sɛ hontwe ho ho mfiri nnoɔma a bɛde abɔ afɔdeɛ ama abosom ne mogyaa ne mmoa a bɛanhwie bɛ mogyaa angu ne adwamammɔ ho. Sɛ hotwe ho ho firi yeinom ho a, obesi ho yie. Asomdwie nka ho.”


Na sɛ bi ka kyerɛ ho sɛ, bɛde yei abɔ afɔdeɛ ama bosom a, deɛ ɔkyerɛɛ ho he ne n’ahonim nti—


Na agyidifoɔ a befiri Amanamane mu he deɛ, yɛde gyinaeɛ a yɛasi he akɔ ma bɛ sɛ bɛntwe bɛ ho mfiri bibi a bɛde abɔ afɔdeɛ ama bosom ne mogyaa ne mmoa a bɛaku bɛ a bɛanhwie bɛ mogyaa angu, ne adwamammɔ ho.”


Afei mmɛ nti ne hosɔ Nyankopɔn hwɛ, sɛ hode konnua a yɛ nananom antumi ansoa to asuafoɔ he kɔno so?


Nso nea mewɔ nsɛm bi tia wo: Wososɔɔ baa bi a ne dini de Isebel, a ɔfrɛ ne ho diyifoɔ he so. Saa baa yi kyerɛkyerɛ, na odi m’asomfoɔ anim ma bɛbɔ adwamane di abosom-nnuane.


Hommma bi mfa kramane ahobrɛaseɛ ne abɔfosom so mma nkunimboɔ he mmɔ ho, nea ɔnam anisoadehunu kwa ne honam nsusuiɛ hunu so yɛ ahomasoɔ.


Anuanom, honnyɛ asɛm he nteaseɛ mu mmɔfra; na mmom, honyɛ bɔne mu nkokoa; ne nyinaa mu he, honyɛ nnipa a bɛanyini nsɛm ho nteaseɛ mu.


Ho ahohoahoa he nyɛ ade pa. Honnim sɛ mmɔreka kakraa bi ne tu mmɔre he nyinaa?


Na hoyɛ ahomasoɔ! Ɔnsɛ sɛ nka hosu? Na nea wayɔ saa he honyi no mfiri ho mu.


Nso ɔnam sɛ ho mu binom dwene sɛ memma honkyɛne nti, bɛayɛ ahomasoɔ.


Kristo nti yɛyɛ nkwaseafoɔ, nso ho deɛ hoyɛ anyansafoɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛ, nso ho ɔdene. Howɔ animuonyam, yɛ deɛ bebu yɛ animtia.


sɛ nnoɔma nyinaa mu hoadi yie Kristo mu, kasa ne nimdeɛ nyinaa mu—


Gyidie a wowɔ he, ma ɔnyɛ sɛnea w’ahonim teɛ Nyankopɔn anim. Nhyira ne nea a ɔmma nea wasi ho gyinaeɛ he mmu ne fɔ.


Menim na megye di Awurade Yesu mu sɛ bibi biaa nni hɔ a honnte ankasa; nso honnte mma nea ɔdwene sɛ honnte.


Mmɛ nti ne wobu wo ankasa wo nua atɛne? Anaa wo, ɛɛne nti ne wobu wo nua animtia?


Ho ne nnipa nyinaa ntena asomdwie mu; honnnyɛ ahantan, na mmom ho ne ahobrɛaseɛfoɔ nante; honnyɛ ahomasoɔ.


Nti, anuanom, mepɛ sɛ hote saa ahintasɛm yi ase, na hoammu ho ho anyansafoɔ ho ankasa ho ani so: akomapirim bi aba Israelfoɔ bi so, kosi sɛ Amanamane mufoɔ bebree bɛba mu.


Nti homma yenni asomdwie ɔne nnoɔma a ɔma nkɔsoɔ akyi.


Anuanom, ho nti ne mede asɛm yi totoo me ne Apolo ho kyerɛɛ ho, na hoasua asɛm a ɔdɛ, “Honyɔ bibi ntera nea bɛatwerɛ,” he asekyerɛ afiri yɛ hɔ, na ho mu bi ansɔre ne bi anni asie.


Mene ho kasa sɛ animdefoɔ. Honhwehwɛ nea meeka yi mu nya mu nhunumuu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite