Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Korintofoɔ 4:6 - Apam Foforɔ

6 Anuanom, ho nti ne mede asɛm yi totoo me ne Apolo ho kyerɛɛ ho, na hoasua asɛm a ɔdɛ, “Honyɔ bibi ntera nea bɛatwerɛ,” he asekyerɛ afiri yɛ hɔ, na ho mu bi ansɔre ne bi anni asie.

Gade chapit la Kopi




1 Korintofoɔ 4:6
35 Referans Kwoze  

Na sɛ bi bɛpae mu ka Yesu foforɔ a ɔnyɛ nea yɛkaa ne ho asɛm he ho asɛm kyerɛ ho a, anaa sɛ hogye honhom foforɔ bi a ɔnyɛ nea hogyeeɛ he a, anaa sɛ hogye asɛmpa foforɔ a ɔnyɛ nea hoagye he a, hedeɛ na hoagye no ntɛm dodo.


Saa berɛ yi nyinaa hosusu sɛ yeyi yɛ ho ano kyerɛ ho anaa? Nyankopɔn anim ne yɛkasa Kristo mu. Nea yɛyɛ biaa, adɔfoɔ, yɛyɛ ma ho nkɔsoɔ.


Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho mpo a, nka ɔnyɛ adeɛ a nteaseɛ nni mu, efiri sɛ mɛka nɔkorɛ, nso menkɔ so nhoahoa me ho, na ho mu bi ammu me ankyɛne sɛdeɛ waate anaa waahu afa me ho,


Hommma bi mfa kramane ahobrɛaseɛ ne abɔfosom so mma nkunimboɔ he mmɔ ho, nea ɔnam anisoadehunu kwa ne honam nsusuiɛ hunu so yɛ ahomasoɔ.


efiri sɛ, yɛ asɛmpa he amma ho nkyɛne kwa, na mmom ɔbaa ahoɔdene ne Honhom Kronkron ne nteaseɛ bebree mu nso, sɛnea honim sɛ, ho nti, yɛbɔɔ yɛ bra faeɛ ho mu he.


Na menam adom a bɛde ama me he so, meeka akyerɛ ho sɛ, ho mu biaa mmu ne ho ntra sɛnea ɔsɛ sɛ obu ne ho, na mmom, biaa nya anidahɔ adwene, sɛnea Nyankopɔn asusu gyidie ama ho he.


Honhwɛ deɛ ɔda hɔ pefee. Sɛ bi wɔ gyidie sɛ ɔyɛ Kristo deɛ a, ɔnkae sɛ, sɛdeɛ ɔyɛ Kristo deɛ he, saa ara ne yɛ nso yɛyɛ ne deɛ.


Nɔkwasɛm ne sɛ, ho nti ne bibiaa ya hɔ, na sɛdeɛ adom trɛ ka nnipa bebree he, aseda nso adɔɔso ahyɛ Nyankopɔn animuonyam.


Na afei, nea mepɛ sɛ meka fa afɔdeɛ a bɛbɔ ma abosom ho di: yenim sɛ “yɛ nyinaa wɔ nimdeɛ.” Na saa nimdeɛ he ma ahomasoɔ, na dɔ deɛ, ɔma nkɔsoɔ.


Ho ahohoahoa he nyɛ ade pa. Honnim sɛ mmɔreka kakraa bi ne tu mmɔre he nyinaa?


efiri sɛ wiase yi mu nyansa yɛ nkwaseasɛm ma Nyankopɔn. Na bɛatwerɛ sɛ, “Ɔkye anyansafoɔ bɛ aniteɛ mu”


Yei nti meto me bo nnoɔma nyinaa mu, sɛnea ɔbɛyɔ a bɛ a bɛayi bɛ he nso bebenya Kristo Yesu mu nkwagyeɛ, daa animuonyam mu.


Na yɛnhoahoa yɛ ho mma ɔntra so nkoduru binom adwuma ho, na yɛ ani da so sɛ, ho gyidie nyini a, yɛbɛyɔ ho mu kɛseɛ aboro so, sɛdeɛ adwuma a ɔde hyɛɛ yɛ nsa he teɛ


Na yentumi nkane yɛ ho mfra binom, na yentumi mfa yɛ ho ntoto binom a bɛkamfo bɛ ho kyerɛ he ho. Nɔkorem he, bɛ ho a bɛde yɛ susuhoma ma bɛ ho, na bɛde bɛ ho toto bɛ ankasa bɛ ho bɛ ho he kyerɛ sɛ benni nteaseɛ.


Dɔ yɛ abodwokyɛre; dɔ yam yɛ, dɔ nyɛ anibereɛ anaa ahohoahoa, anaa ahomasoɔ


Asɛmpa he nti ne meyɛ saa, na manya mu nhyira he bi.


Na hoyɛ ahomasoɔ! Ɔnsɛ sɛ nka hosu? Na nea wayɔ saa he honyi no mfiri ho mu.


Nti mma biaa nhoahoa ne ho honam fam, efiri sɛ nnoɔma nyinaa yɛ ho deɛ,


sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Ma deɛ ɔhoahoa ne ho he, nhoahoa ne ho Awurade mu.”


efiri sɛ, bɛatwerɛ sɛ: “Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa, na mama animdefoɔ nimdeɛ ayɛ kwa.”


Nea mate ne sɛ ho mu bi ka sɛ, “Meya Paulo afa,” bi nso “Meya Apolo afa,” saa ara nso ne bi nso ka sɛ, “Meya Kefa afa,” anaa “meya Kristo afa.”


Afei Yudani bi a bɛfrɛ no Apolo a ofiri Aleksandria, baa Efeso. Na Apolo yɛ bi a n’ano ate na onim twerɛsɛm mu paa nso.


Ɔbaa sɛ berɛ a Apolo ya Korinto he, Paulo faa mpɔtamu hɔ baabi baa Efeso, bɛtoo asuafoɔ bi.


Na mesuro sɛ, sɛ meba a, memmɛto ho sɛnea mepɛ; na menso honhu me sɛnea hopɛ; mesuro sɛ ebia na ntɔkwa, ahoɔyeyaa, abufuo, asinkane, nsekuro, wesewese, ahantan ne sakasakayɛ ya ho mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite