Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Korintofoɔ 4:12 - Apam Foforɔ

12 Na yɛbrɛ de yɛ ankasa yɛ nsa yɔ adwuma. Bɛdome yɛ a, yehyira bɛ, bɛtaa yɛ a, yegyina;

Gade chapit la Kopi




1 Korintofoɔ 4:12
23 Referans Kwoze  

Hommfa bɔne ntua bɔne so ka, na hommfa yea nso ntua yea so ka. Na mmom daa, honhyirahyira, efiri sɛ, ɔno ne bɛma ho anya nhyira.


Nhyira ne ho sɛ nnipa ka nsɛm gu ho so, na bɛtaa ho na bɛka nsɛmmɔne bebree fa ho ho, na me nti bedi torɔ gu ho so.


Honhyira bɛ a bɛtaa ho; honhyira, na honnnome.


Ne saa nti, sɛ kɔm de wo tamfoɔ a, ma no bibi nni; sɛ sukɔm de no a, ma no nsuo nom; na sɛ woyɔ saa a, wobɛhyɛ no aniwuo.


Na esiane sɛ na ɔne bɛ yɔ adwuma korɔ nti, ɔtenaa bɛ fie yɔɔ adwuma, efiri sɛ na bɛyɛ ntomadanyɔfoɔ.


na honhyira bɛ a bɛdome ho, na hommɔ mpaeɛ mma bɛ a bɛha ho!


Na sɛ tenenee nti hohu amane mpo a, hoyɛ nhyira. Honnsuro nnipa, na hommma hwee nnha ho.


Bedidii no atɛm he, wammua bɛ. Ohuu amane he, wampoopoo n’ani, na mmom ɔde n’asɛm hyɛɛ deɛ obu atɛntenenee he nsa.


Na Yesu kaa sɛ, “Agya fa kyɛ bɛ efiri sɛ bennim nea bɛɛyɔ.” Bio nso, bɛtwee ntonto kyɛɛ ne ntaadeɛ faeɛ.


Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Honnɔ ho atamfoɔ na hommɔ mpaeɛ mma bɛ a bɛtaa ho,


Afei, obuu nkotodwe de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Awurade, mmu bɔne yi ntia bɛ.” Na ɔkaa saa he ogyaam.


Honkae asɛm a maka akyerɛ ho yi, ‘Akoa nkyɛne ne wura.’ Sɛ bɛtane me a, bɛbɛtane ho nso, sɛ bedi me nsɛm so a, bebedi ho deɛ nso so.


Nso berɛ a bɔfo-panyini Mikael ne bronsam ɔɔpere Mose amu so a akasakasaa sii bɛ ntam he mpo, bɔfoɔ Mikael anyɔ n’adwene sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛne, na mmom asɛm a ɔkaeɛaa ne sɛ, “Awurade nka w’anim!”


Yei nti ne yɛyere yɛ ho na yɛpre, na yɛ anidasoɔ ne Nyankopɔn teasefoɔ a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titire bɛ a bɛgye di he Agyenkwa.


na yɛanni biaa aduane berɛ a yɛantua ka; na mmom yɛyɔɔ adwuma, mmɔdemmɔ ne brɛ mu awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma ho mu biaa.


Anuanom, hokae yɛ adwumadene ne brɛ sɛ yɛyɔɔ adwuma anadwo ne awia sɛnea ɔbɛyɛ a yɛnyɛ adesoa mma ho berɛ a yɛɛpae mu aka Nyankopɔn asɛmpa he akyerɛ ho he.


Anaa me ne Barnaba deɛ, yenni ho kwane sɛ yegyae adwuma yɛyɔ pɛ yɛ ano aduane he?


Ho ankasa honim sɛ mede me nsa ayɔ adwuma ahwɛ me ho ne bɛ a bɛka me ho he.


Saa nti, bɛ a behu amane sɛnea Nyankopɔn ahyehyɛ he, ɔsɛ sɛ bɛde bɛ ho ma Bɔadeɛ nɔkwafoɔ he na bɛkɔ so yɛ papa.


Hwane ne bɛte yɛ afiri Kristo dɔ ho? Ahokyerɛ mu oo, ateetee mu oo, taa mu oo, kɔm mu oo, adagyada mu oo, amaneɛ mu oo, wuo mu oo; bibiaa nni hɔ a obetumi ate yɛ afiri Kristo dɔ ho.


Mefom asafo binom adeɛ faeɛ sɛ akatua sɛ mede bɛsom ho.


Korɔmfoɔ nyae korɔno bɔ; na mmom ɔmmɔ mmɔdene mfa ne nsa nyɔ adwuma pa, na woanya bibi de ama ahiafoɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite