Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Nanso Ɔbɔfo panyin Mikael ne ɔbonsam redi apereapere kasakasae Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkae sɛ: Awurade nka w’anim!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Nanso Ɔbɔfoɔ panin Mikael ne ɔbonsam dii aperepereɛ kasakasaa Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkaa sɛ: Awurade nka w’anim!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔbɔfopanyin Mikael mpo nyɛɛ saa da. Bere a Mikael ne ɔbonsam repere Mose amu so a akasakasa sii wɔn ntam no mpo, wantew ɔbonsam atua, na mmom asɛm a ɔkae ara ne sɛ, “Awurade nka wʼanim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Nanso Ɔbɔfoɔ panin Mikael ne ɔbonsam dii aperepereɛ kasakasaa Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkaa sɛ: Awurade nka w’anim!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔbɔfopanin Mikael mpo nyɛɛ saa da. Ɛberɛ a Mikael ne ɔbonsam repere Mose amu so a akasakasa sii wɔn ntam no mpo, wante ɔbonsam atua, na mmom, asɛm a ɔkaeɛ ara ne sɛ, “Awurade nka wʼanim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Nanso Ɔbɔfo panyin Mikael ne ɔbonsam redi apereapere kasakasae Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkae sɛ: Awurade nka w’anim!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:9
16 Iomraidhean Croise  

Na Dawid fii adi baa wɔn anim na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asomdwoe so na moba me nkyɛn sɛ morebɛboa me a, ɛnne menya mo ho koma pa sɛ yɛbɛyɛ biako. Na sɛ morebeyi me ama m’atamfo a, ɛnne amumɔyɛ bi nni me nsam yi, yɛn agyanom Nyankopɔn bɛhwɛ na wabu atɛn.


Nka abususɛm ntia Onyankopɔn, na wo man mu panyin nso, nnome no.


Na Persia ahemman bapɔmma siankaa me adaduonu da biako, na hwɛ, mmapɔmma atitiriw no mu biako, Mikael, bae bɛboaa me, na metenaa hɔ Persia ahene no nkyɛn.


Nanso mɛkyerɛ wo nea wɔakurukyerɛw nokware nhoma no mu, na obiara nni hɔ a obegyina aso me mu atia eyinom gye, mo bapɔmma Mikael.


Ɛbere no mu na Mikael, ɔbapɔmma kɛse a ogyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina; na ɛbɛyɛ ahohia bere a efii sɛ ɔman bae no besi bere no so, ebi ɛmmae da, na ɛbere no mu na wobegye wo manfo afi mu, obiara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din nhoma no mu no.


Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Satan sɛ: Awurade ntwiw w’anim, Satan, na Awurade a wapaw Yerusalem no ntwiw w’anim! So oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afi gya mu?


Na wɔn a wɔretwam no kaa abususɛm tiaa no wosow wɔn ti kae sɛ: Ao, wo a wudwiriw asɔredan na wusi no nnansa ni!


Na osiee no obon mu Moab asase so, Bet-peor ntentenso; na obiara nnim ne damoa de besi nnɛ.


efisɛ Awurade ankasa de osebɔ, ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto fi soro besian, na Kristo mu awufo bɛsɔre kan,


Mommfa bɔne nntua bɔne so ka, nso mommfa ɔyaw nntua ɔyaw so ka; na mmom munhyira, efisɛ eyi mu na wɔfrɛɛ mo, sɛ mummegye nhyira.


Nanso abɔfo a wɔwɔ ahoɔden ne tumi a ɛso no nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn Awurade anim.


Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan