Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Saa ara na eyinom nso yɛ adaesofo a wogu ɔhonam ho fi, na wɔtew tumidi ahi, na wɔka anuonyamfo ho nsɛmmɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Saa ara na yeinom nso yɛ adaeɛsofoɔ a wɔgu honam ho fi, na wɔte tumidie atua, na wɔka animuonyamfoɔ ho nsɛmmɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Saa ɔkwan koro no ara so na adaesofo yi nam. Wugu wɔn ankasa nipadua ho fi. Wɔpo tumidi, na wɔka nsɛmmɔne fa anuonyamfo a wɔwɔ ɔsoro no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Saa ara na yeinom nso yɛ adaeɛsofoɔ a wɔgu honam ho fi, na wɔte tumidie atua, na wɔka animuonyamfoɔ ho nsɛmmɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Saa ɛkwan korɔ no ara so na adaeɛsofoɔ yi nam. Wogu wɔn ankasa onipadua ho fi. Wɔpo tumidie, na wɔka nsɛmmɔne fa animuonyamfoɔ a wɔwɔ ɔsoro ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Saa ara na eyinom nso yɛ adaesofo a wogu ɔhonam ho fi, na wɔtew tumidi ahi, na wɔka anuonyamfo ho nsɛmmɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:8
23 Iomraidhean Croise  

na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn, ahu papa ne bɔne.


Nka abususɛm ntia Onyankopɔn, na wo man mu panyin nso, nnome no.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya, na wonhyira wɔn na.


Aniwa a eyi n’agya ahii, na ebu ɛna tie animtiaa no, asubɔnten ho kwaakwaadabi betutu, na akɔre mma bedi.


Mpo w’adwene mu no, nnome ɔhene, anaa ɔdefo wɔ wo pia mu, na wim nnomaa de nne no bɛkɔ, na ntakraboa aka asɛm no.


na wɔbɔɔ Mose ne Aaron so gua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moayɛ bi! Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, AWURADE wɔ wɔn mu biara mu; na ɛdɛn nti na moma mo ho so AWURADE bagua so?


Na ɔba a, obehu sɛ wɔaprapra mu na wɔahyehyɛ mu.


Na sɛ wɔde mo kɔ hyia adan mu ne mpanyimfo ne atumfo anim a, munnnwinnwen nea mode beyi mo ho ano anaasɛ nea mobɛka ho,


Na ne manfo tan no, na wɔsomaa abɔfo dii n’akyi sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene.


Ɛnna Paulo kae sɛ: Anuanom, minnim sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Nkasa wo man panyin ho asɛmmɔne!


Na nea ɔreyɛ ne yɔnko bɔne no sum no kae sɛ: Hena na ɔde wo sii yɛn so panyin ne temmufo?


Na yɛn agyanom nso ampɛ sɛ wotie no, na wosum no kyenee, na wɔdan wɔn koma kɔɔ Misraim,


Sɛ obi sɛe Onyankopɔn asɔredan a, ɔsɛe na Onyankopɔn bɛsɛe no; efisɛ Onyankopɔn asɔredan ho tew, na ɛne mo ara.


Enti nea ɔtew ahi ntew onipa bi so atua, na mmom Onyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ahyɛ mo mu no.


aguamammɔfo ne a wɔne mmarima da, nnipatɔnfo, atorofo, ntantofo, ne biribiara a ɛka ho a ɛne kyerɛ pa no di asi,


Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso biara mma mo.


Munni nnipa nyinaa ni! Monnɔ anuanom! Munsuro Onyankopɔn! Munni ɔhene ni!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan