Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkurow a ɛdeda ho a wɔyɛe sɛ eyinom, de wɔn ho maa aguamammɔ na wɔbɔɔ mmusu kɛse no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ sɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkuro a ɛdeda ho a wɔyɛɛ sɛ yeinom, de wɔn ho maa adwamammɔ na wɔbɔɔ mmusuo kɛseɛ no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ asɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Monkae Sodom ne Gomora ne nkurow a na atwa wɔn ho ahyia no sɛ, na mu nnipa no yɛ nguamanfo. Onyankopɔn twee wɔn aso de yɛɛ nhwɛso maa wɔn a wobenya asotwe a ɛde wɔn bɛkɔ ogya a ennum da no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkuro a ɛdeda ho a wɔyɛɛ sɛ yeinom, de wɔn ho maa adwamammɔ na wɔbɔɔ mmusuo kɛseɛ no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ asɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Monkae Sodom ne Gomora ne nkuro a na atwa wɔn ho ahyia no sɛ, na emu nnipa no yɛ adwamanfoɔ. Onyankopɔn twee wɔn aso de yɛɛ nhwɛsoɔ maa wɔn a wɔbɛnya asotwe a ɛde wɔn kɔ ogya a ɛnnum da no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkurow a ɛdeda ho a wɔyɛe sɛ eyinom, de wɔn ho maa aguamammɔ na wɔbɔɔ mmusu kɛse no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ sɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:7
27 Iomraidhean Croise  

Nso Sodomfo yɛ awudifo ne nnebɔneyɛfo akɛse AWURADE anim.


Na AWURADE kae sɛ: Sodom ne Gomora nteɛm so, na wɔn nnebɔne yɛ duru dodo nti,


Na wɔfrɛɛ Lot ka kyerɛɛ no sɛ; Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi no wɔ he? Yi wɔn brɛ yɛn, na yene wɔn nna.


Na mmarima nguaman nkae a wogyaw wɔn n’agya Asa bere so no, oguu wɔn ase fii asase no so.


Sɛ asafo AWURADE annyaw yɛn nkae ketewaa bi a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadan sɛ Gomora.


Na Babel a ɛyɛ ahenni mu kunini, ne Kaldeafo kɛseyɛ anuonyam no, ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuw a Onyankopɔn butuw wɔn no.


Sion mu nnebɔneyɛfo ho popo, na ehu aka ahuhufo: Yɛn mu hena na ɔbɛtena ogya a ɛhyew ade ho? Yɛn mu hena na ɔbɛtena daa hyew mu?


Ma onii no nyɛ sɛ nkurow a AWURADE abutubutuw a onnuu ne ho no; ma ɔnte osu anɔpa ne gyegyeegye awia ketee.


Sɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkurow a Onyankopɔn butuwii no, AWURADE asɛm ni, obi bi rentena hɔ, na onipa ba biara rensoɛ mu hɔho.


Na me man babea amumɔyɛ so sen Sodom bɔne no, ɛno na wobutuwii afrɛso a ɛnyɛ nsa na ɛsɛee no.


Anka meyi wo mama sɛ dɛn, O! Efraim, na magyaa wo mu dɛn ara, A! Israel! Anka meyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim! Me koma adan wɔ me mu, Yiw! Mmɔborohunu agye me yam nyinaa.


Mibutuw mo mu binom, sɛ mibutuw Sodom ne Gomora no, na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni.


Nokware mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom ne Gomora asase asen saa kurow no.


Nso mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom asase asen wo.


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu!


Na da a Lot fii Sodom kɔe no, na ogya ne sufre fi soro tɔe, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa.


Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo: Aguamammɔfo, abosonsomfo, awaresɛefo, mmarima ahohwifo ne mmarima a wɔne wɔn ho da


sufre ne nkyene, ɔhyew a asase no nyinaa ahyew a wonnua so ade na ɛnsow, na wura biara mfifi so, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuw a AWURADE de n’abufuw ne n’abufuhyew butuwii no a, wɔbɛka ho asɛm,


na wama mo a wohiahia mo ho no ne yɛn ahome, ɛda a wobeyi Awurade Yesu ne ne tumi abɔfo adi afi soro, ogyaframa mu,


na watɔ wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were.


Na bebree bedi wɔn ahohwisɛm no akyi, na wɔn nti, wɔbɛka nokware kwan no ho nsɛmmɔne.


na sɛ ɔdan Sodom ne Gomora nkurow nso, na ɔde ɔsɛe buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ nhwɛso maa wɔn a akyiri yi wɔbɛyɛ amumɔyɛde,


Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan