Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na nnipa bi awiawia wɔn ho abam a wofi tete akyerɛw wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmu yi, amumɔyɛfo a wɔdan yɛn Nyankopɔn adom ahohwi, na wɔpo owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na nnipa bi awiawia wɔn ho aba mu a wɔfiri tete atwerɛ wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɛfoɔ a wɔdane yɛn Nyankopɔn adom ahohwie, na wɔpo Owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nnipa bi awiawia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔkyea asɛm a ɛfa yɛn Nyankopɔn adom no ho ka se adom no nti ɔbra bɔne nsɛe hwee. Wonnye Yesu Kristo a ɔno nko ara ne yɛn Wura ne yɛn Awurade no nto mu. Kyerɛwsɛm no aka wɔn afɔbu a aba wɔn so no ho asɛm dedaw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na nnipa bi awiawia wɔn ho aba mu a wɔfiri tete atwerɛ wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɛfoɔ a wɔdane yɛn Nyankopɔn adom ahohwie, na wɔpo Owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nnipa bi awiawia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔkyea asɛm a ɛfa yɛn Onyankopɔn adom no ka sɛ adom no enti abrabɔ bɔne nsɛe hwee. Wɔnnye Yesu Kristo a ɔno nko ara ne yɛn Wura ne yɛn Awurade no nto mu. Atwerɛsɛm no aka wɔn afɔbuo a aba wɔn so no ho asɛm dada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na nnipa bi awiawia wɔn ho abam a wofi tete akyerɛw wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmu yi, amumɔyɛfo a wɔdan yɛn Nyankopɔn adom ahohwi, na wɔpo owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:4
32 Iomraidhean Croise  

Na owu asorɔkye twaa me ho hyiae, na ɔsɛe asuasu woro yii me hu.


Nhyira ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu, na onnyina nnebɔneyɛfo kwan so, na ɔntena fɛwdifo tenabea,


Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagye, m’abankɛse, merenhim bebree bi.


Na bere a obiara ada no, ɔtamfo bae beguu wura bɔne bi awi no mu, na ofii hɔ kɔe.


Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.


Na ɔbae na obehuu Onyankopɔn adom no, n’ani gyei, na otuu wɔn nyinaa fo sɛ wonsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


Esiane sɛ yɛate sɛ nnipa bi fi yɛn mu de nsɛm bi abɛtane mo ani ahaw mo adwene, nanso yɛanhyɛ wɔn saa nti,


Na ɛyɛ anuanom atorofo a wofi baabi bae no ntia; wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛhwehwɛ yɛn adehyedi a yɛwɔ Kristo Yesu mu no ho kwan, na wɔde yɛn akɔ nkoayɛ mu.


Anuanom, adehyedi mu na wɔafrɛ mo aba; nanso mommma adehyedi no nnyɛ ɔkwan mmma ɔhonam, na mmom momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho!


na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradato mu, anifere a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛɛ mu;


Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.


Sɛ yegyina pintinn a, yɛne no bedi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.


Na eyinom mu bi ne wɔn a wɔnam ase hyɛnhyɛn afi mu, na wɔfa mmeawa a bɔne adɔre ahyɛ wɔn so a akɔnnɔ horow keka wɔn


sɛ nnipa a wɔde wɔn ho, na ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔde ahofadi no ayɛ bɔnepɛ so nkataso, na mmom sɛ Onyankopɔn nkoa.


ne hintibo ne hintiduato botan ama wɔn, Wɔn na wohintiw, efisɛ wontie asɛm no. Ɛno nti na woyii wɔn mae.


Na sɛ ɛyɛ den sɛ wobegye onipa trenee a, ɛhe na nea ɔmfɛre Nyankopɔn ne ɔdebɔneyɛfo begyina?


ne titiriw no, wɔn a wodi honam akyi, efi ho akɔnnɔ mu, na wɔtew tumidi ahi. Wɔyɛ anuɔdenfo, ahopɛfo, wɔn ho mpopo sɛ wɔbɛka anuonyamfo ho asɛmmɔne.


na oyii Lot a ɔteɛ a amumɔyɛfo no de wɔn ahohwi abrabɔ haw no;


Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.


Ɛhena ne ɔtorofo no sɛ nea ɔsan sɛ Yesu nyɛ Kristo no? Oyi ne antikristo a ɔpo Agya no ne ɔba no.


abebu wɔn nyinaa atɛn, na wayi wɔn mu amumɔyɛfo nyinaa ntɛn, wɔn amumɔyɛde a wɔyɛe nyinaa ne wɔn atirimmɔdensɛm ne nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo no kae de tiaa no nyinaa ho.


sɛ wɔka kyerɛɛ mo sɛ: Ɛbere a edi akyiri no mu no, fɛwdifo bɛba a wobedi wɔn ankasa amumɔyɛ akɔnnɔ akyi.


Awurade, hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam? Efisɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, efisɛ w’asɛntrenee ada adi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan