Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Adɔfo, esiane sɛ merebɔ mmɔden nyinaa makyerɛw nkwagye a ɛyɛ yɛn nyinaa de no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ mekyerɛw mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Adɔfo, ɛnam sɛ merebɔ mmɔden nyinaa matwerɛ nkwagyeɛ a ɛyɛ yɛn nyinaa dea no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ metwerɛ mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidie a wɔde ama ahotefoɔ prɛko no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Me nnamfonom, anka merebɔ mmɔden akyerɛw mo afa nkwagye a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso ɛsɛ sɛ mekyerɛw mo wɔ asɛm foforo ho na moyere mo ho gyina nokware a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfo afebɔɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu da biara da no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Adɔfo, ɛnam sɛ merebɔ mmɔden nyinaa matwerɛ nkwagyeɛ a ɛyɛ yɛn nyinaa dea no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ metwerɛ mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidie a wɔde ama ahotefoɔ prɛko no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Me nnamfonom, anka merebɔ mmɔden atwerɛ mo afa nkwagyeɛ a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso, ɛsɛ sɛ metwerɛ mo wɔ asɛm foforɔ ho na moyere mo ho gyina nokorɛ a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfoɔ afebɔɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu da biara da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Adɔfo, esiane sɛ merebɔ mmɔden nyinaa makyerɛw nkwagye a ɛyɛ yɛn nyinaa de no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ mekyerɛw mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:3
44 Iomraidhean Croise  

Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Onyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammea moma wɔn mmammarima, na mugye wɔn mmammea moma mo mma aware anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.


AWURADE de daa daa nkwagye agye Israel; mo ani renwu na wɔremmɔ mo ahohora bio da biara da.


Monnan mo ho mmra me nkyɛn na wonnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa Na mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio.


Na wɔdannan wɔn tɛkrɛma de yɛ wɔn ta di atoro, na wodi asase so tumi a wonni mma nokware, na wofi bɔne mu kɔ bɔne mu, na me de, wonnim me, AWURADE asɛm ni.


Ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanse sɛ etwa sɛ Kristo no hu amane, na ɔsɔre fi awufo mu. Na ose: Yesu a meka mo ne ho asɛm yi ara ne Kristo no.


Na ɔde n’asɛm kaa Yudafo no gui wɔ baguam, nam kyerɛw nsɛm so kyerɛe pefee sɛ Yesu ne Kristo no.


efisɛ mansiw biribiara so, sɛ ebia merenka Onyankopɔn tirim agyina nyinaa menkyerɛ mo.


Enti munhu sɛ wɔama wɔde Onyankopɔn nkwagye no akɔma amanaman mufo no; na wɔbɛte.


Na nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.


Na Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafo no dɔe pii Yerusalem, na asɔfo no mu pii nso yɛɛ osetie maa gyidi no.


Na Anania buae sɛ: Awurade, mate ɔbarima yi ho asɛm nnipa bebree anom sɛ ɔde bɔne pii ayɛ w’ahotefo wɔ Yerusalem,


Na Saulo kɔɔ so ara nyaa ahoɔden, na ɔmaa Yudafo a wɔte Damasko no ho yeraw wɔn, na odii adanse kyerɛe sɛ oyi ne Kristo no.


Na nsɛm a edi kan a me nso minyae a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: Yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no.


Wɔn de, yɛammrɛ yɛn ho ase amma wɔn kwan dɔnhwerew biako mpo, na asɛmpa no nokware no akɔ so atena mo mu.


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu.


Monhwɛ nkyerɛwee akɛse a mede me ara me nsa makyerɛw merebrɛ mo yi.


Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛɛ Kristo Yesu somafo de kɔma ahotefo a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifo:


Na wo de, yi mogya a edi bem ho afobu fi wo mu, na yɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so.


na AWURADE maa me abopon abien a wɔde Onyankopɔn nsatea kyerɛwee a nsɛm a AWURADE fii ogya mu wɔ bepɔw no so ne mo kae guabɔ da no nyinaa wɔ so.


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefo a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfo ne asomfo:


Ɛnne na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mibehu mo oo, sɛ minni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mugyina pintinn honhom koro mu, na mode adwene koro bom di apere gyidi a efi asɛmpa no mu,


de kɔma Kristo mu anuanom, ahotefo ne agyidifo, a wɔwɔ Kolose: Adom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn nka mo.


na ɛwom sɛ yɛadi kan ahu amane, na wɔbɔɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛnea munim no de, nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Onyankopɔn asɛmpa no, ɔko bebree mu.


Saa ɔkasakyerɛ yi na mede mehyɛ wo nsa, me ba Timoteo, sɛnea adiyisɛm a wɔkae wɔ wo ho kan no te no, sɛ fa so ko ɔko pa no,


Ko gyidi ko pa no, so daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ wo na wopaee mu kaa no yiye adansefo pii anim no mu.


So nsɛm pa a eye a wotee me nkyɛn no nhwɛso no mu yiye, gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu no mu.


de kɔma Tito, me ba pa gyidi koro no ara fam: Adom ne asomdwoe a efi Agya Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no, nka wo.


Anuanom, mesrɛ mo sɛ, muntie afotusɛm yi; efisɛ makyerɛw no nsɛntiaa bi mamena mo.


Na sɛ yɛka saa nso a, adɔfo, mo fam de, yɛn ani da nea eye sen saa a ɛbata nkwagye ho so.


Menam onua nokwafo Silwano so, sɛnea mebu no no, makyerɛw nsɛntiaa yi mabrɛ mo, mede mitu mo fo na midi adanse sɛ eyi ne Nyankopɔn nokware adom a moabegyina mu yi.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafo, de kɔma wɔn a wɔanya gyidi a ne bo yɛ den sɛ yɛn de no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo trenee mu:


Na anka eye ma wɔn sɛ wɔanhu trenee kwan no, kyɛn sɛ wɔahu na wɔadan afi ahyɛde kronkron a wɔde ahyɛ wɔn no ho.


Yuda, Yesu Kristo akoa, Yakob nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Onyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no:


Na mo, adɔfo de, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafo aka ato hɔ no,


Na mo, adɔfo de, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae Honhom Kronkron tumi mu


Na wɔnam oguammaa no mogya ne wɔn adanse asɛm no so adi no so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbewu.


Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan