Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:25 - KYERƐW KRONKRON

25 Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmeresanten, seisei ne daa nyinaa. Amen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmerɛ santen, seesei ne daa nyinaa. Amen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmere a atwam, ne nnɛ ne daa nyinaa. Amen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

25 Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmerɛ santen, seesei ne daa nyinaa. Amen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Onyankopɔn korɔ a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmerɛ a atwam, ne ɛnnɛ ne daa nyinaa. Amen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmeresanten, seisei ne daa nyinaa. Amen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:25
32 Iomraidhean Croise  

Wo AWURADE na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nkunimdi ne aseda wɔ wo, na nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahenni wɔ wo, na wo na wokorɔn wɔ ade nyinaa so.


AWURADE, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma.


Yɛn Awurade so, na ne tumi dɔɔso, ne nhumu nni anobu.


Hwɛ, ɔbɔɔ ɔbotan ma nsu tuei, na asubɔnten senee; so abodoo nso, obetumi ama, na wapɛ nam ama ne man?


Hwɛ, me nkwagye Nyankopɔn ni. Metweri no, na minsuro, na m’ahoɔden ne me dwom ne AWURADE Nyankopɔn ne m'ahoɔdenne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagye.


Monkasa, monka mo asɛm: Ma wɔmmom ntu agyina. Hena na ɔma wɔtee eyi fi teteete na ɔkae fi tete bemee? So ɛnyɛ me, AWURADE? Na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko, Onyankopɔn a ɔteɛ na ogye nkwa; obi nni baabi gye me nko.


Afei me, Nebukadnesar, mekamfo ɔsoro hene mema no so miyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛe nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee, na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu. [Na wo na ahenni ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


na m’agyenkwa Onyankopɔn ho na me honhom ho asan no;


Mosɔre nea munnim; yɛn de, yɛsɔre nea yenim, efisɛ ogye no fi Yudafo mu.


Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mugye anuonyam mo ho mo ho nkyɛn betumi agye adi, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn anuonyam de, monhwehwɛ?


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛe, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da.


Efisɛ ade nyinaa fi ne mu, na ɛnam no so ba, na ewie ne mu; ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.


Onyankopɔn a ɔyɛ onyansafo koro no, anuonyam mfa Yesu Kristo so nka no daa daa! Amen.


Ɔmaa no boroo so maa yɛn, nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu.


sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpanyinni ne tumi horow a ɛwɔ ɔsoro hɔnom nhu Onyankopɔn nyansa horow bebree no,


ɔno na anuonyam nka no asafo no mu, Kristo Yesu mu, mfa nkɔ bere santen a ɛbɛba no ntoatoaso nyinaa mu. Amen.


Nanso mmeresanten hene, Onyankopɔn koro a ɔtease daa a wonhu no no, nidi ne anuonyam nka no, mmeresanten mfesanten. Amen!


Na eyi ye, na ɛsɔ yɛn Agyenkwa Onyankopɔn


wɔnnwia nneɛma nketenkete, na mmom wonyi nokware pa nyinaa nkyerɛ; na wɔde atoto yɛn Agyenkwa Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ kwan mu, ade nyinaa mu.


ntwɛn Onyankopɔn kɛse ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidaso ne n’anuonyam ahoyi.


Na yɛn Agyenkwa Onyankopɔn adɔeyɛ ne ne dɔ yii ne ho adi no,


Yesu Kristo no ara wɔ hɔ nnɛra, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa.


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Onyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ɔnsom sɛ efi ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na ayeyi ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafo, de kɔma wɔn a wɔanya gyidi a ne bo yɛ den sɛ yɛn de no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo trenee mu:


Na munnyin yɛn Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na anuonyam nka no afei ne daa. Amen.


na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfo mma n’Agya Onyankopɔn no, ɔno na wɔmfa anuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan