Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:21 - KYERƐW KRONKRON

21 mfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu nkɔ daa nkwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 mfa mo ho nsie Nyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu nkɔ daa nkwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 na montena Onyankopɔn dɔ mu bere a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ nʼahummɔbɔ mu ama wama mo nkwa a enni awiei no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

21 mfa mo ho nsie Nyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu nkɔ daa nkwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 na montena Onyankopɔn dɔ mu ɛberɛ a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ nʼahummɔborɔ mu ama wama mo nkwa a ɛnni awieeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 mfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu nkɔ daa nkwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:21
31 Iomraidhean Croise  

So onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa? Anka m’akodi nna nyinaa mɛtwɛn akosi sɛ me sakra bɛba.


Na mmara no de, wɔnam Mose so na ɛmae; na adom ne nokware no de, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbae.


Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.


Na ɔbae na obehuu Onyankopɔn adom no, n’ani gyei, na otuu wɔn nyinaa fo sɛ wonsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


Na sɛnea bɔne dii hene owu mu no, adom nso nam trenee so adi hene afa yɛn Awurade Yesu Kristo so akɔ daa nkwa mu.


Na anidaso nhyɛ aniwu, efisɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Onyankopɔn dɔ agu yɛn komam.


Na bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn adom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.


anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu.


Awurade Yesu Kristo adom ne Nyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka mo nyinaa.


Na Awurade mma monhu Onyankopɔn dɔ ne Kristo boasetɔ no mu.


de kɔma Timoteo a ɔyɛ gyidi mu ɔba nokwarem: Ɔdom, mmɔborohunu, asomdwoe mfi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.


Awurade nhu Onesiforo fi mmɔbɔ, efisɛ ɔtaa huhuw me maa me ho dwoo me, na n’ani anwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho.


Awurade mma onnya Awurade hɔ mmɔborohunu ɛda no! Na som a ɔsomee Efeso no, wo ara wunim yiye.


de kɔma ɔdɔba Timoteo: Adom, mmɔborohunu, asomdwoe mfi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.


Nea aka a ɛda me hɔ ne trenee abotiri a Awurade, ɔtemmufo trenee no, de bɛma me ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyi no nyinaa nso bi.


saa ara nso na Kristo a wɔde no bɔɔ afɔre prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne no bɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu so, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagye mu.


sɛ motwɛn na morepɛ Onyankopɔn da no ba ntɛm yi? Ɛno mu na ɔsoro bɛsɔ ogya asɛe, na wim mfitiasede anan ahyew.


Na yɛn de, yɛahu na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no yɛn ho no adi. Onyankopɔn ne ɔdɔ, na nea ɔte ɔdɔ mu no te Nyankopɔn mu, na Onyankopɔn te ne mu.


Yenim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no, ɔnyɛ bɔne; na mmom nea Onyankopɔn awo no no, ɔhwɛ ne ho so, na ɔbɔnefo no nka no.


Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfi ahonisom ho.


Yuda, Yesu Kristo akoa, Yakob nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Onyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no:


Na akyinnyegyefo nso, munhu wɔn mmɔbɔ,


Na nea obetumi aso mo mu na moanhintiw, na ɔde mo asi n’anuonyam anim, sɛ nnipa a wonni dɛm wɔ ahosan mu no,


Na wɔnam oguammaa no mogya ne wɔn adanse asɛm no so adi no so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbewu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan