Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Eyinom ne wɔn a wɔde mpaepaemu ba, honam akyidifo a wonni Honhom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Yeinom ne wɔn a wɔde mpaepaemu ba, honam akyiridifoɔ a wɔnni Honhom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Eyinom ne nnipa a wɔnam wɔn akɔnnɔ so de mpaapaemu ba no. Na wonni Honhom no wɔ wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

19 Yeinom ne wɔn a wɔde mpaepaemu ba, honam akyiridifoɔ a wɔnni Honhom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Yeinom ne nnipa a wɔnam wɔn akɔnnɔ so de mpaapaemu ba no. Na wɔnni Honhom no wɔ wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Eyinom ne wɔn a wɔde mpaepaemu ba, honam akyidifo a wonni Honhom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:19
11 Iomraidhean Croise  

Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa, na ade pa biara ho yɛ no ahi.


wɔka sɛ: Twe wo ho, nka me, na me ho tew sen wo no. Eyinom ne me hwene mu wusiw, ogya a ɛdɛw daa adesae.


Na obiara a ofi Israel fi anaa ahɔho a wɔasoɛ Israel mu ahɔho no mu, na ɔwae fi me ho, na ɔde n’abosonhunu hyɛ ne koma mu, na ɔde n’amumɔyɛ hintidua si n’ani so, na ɔba odiyifo nkyɛn bebisa no me hɔ ade no, me, AWURADE ankasa, mebua wɔn.


Merentwe mo mmabea aso aguamammɔ ho, ne mo nsewnom, awaresɛe ho, efisɛ mmarima no nso ne mmea nguaman man, na wɔne mmosomfenaa bɔ afɔre; na ɔman a wonni nhumu no bɛbɔ.


Mihuu Israel sɛ sare so bobe aba, mihuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bere a edi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wodwiraa wɔn ho de maa aniwude, na wɔn ho yɛɛ nwini sɛ nneɛma a wɔpɛe no ara.


Na mo de, munni honam mu, na mmom mowɔ honhom mu, nanso gye sɛ Onyankopɔn honhom te mo mu. Na sɛ obi nni Kristo honhom a, ɔnyɛ ne dea.


Na onipa a onni honhom no nnye Onyankopɔn honhom ade, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ontumi nhu mu, efisɛ wobu mu atɛn honhom mu.


Anaasɛ munnim sɛ mo nipadua yɛ Honhom Kronkron a ɔwɔ mo mu, a munya fii Onyankopɔn hɔ no asɔredan, na monne mo ho?


Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom yɛ no, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ Ɛda no rebɛn no.


Saa nyansa yi mfi soro, na mmom ɛyɛ fam ne ɔkra ne ahonhommɔne de.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan