Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Eyinom yɛ anwiinwiifo, nnebɔneyɛfo a, wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi, na wɔn ano ka ahupoosɛm, na mfaso nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Yeinom yɛ anwiinwiifoɔ, yɔnafoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyiri, na wɔn ano ka akonkosɛm, na mfasoɔ nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Bere biara, saa nnipa yi nwiinwii na wɔde mfomso to afoforo so. Wodi wɔn akɔnnɔ akyi. Wɔhoahoa wɔn ho na wɔdaadaa afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba abedi wɔn akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Yeinom yɛ anwiinwiifoɔ, yɔnafoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyiri, na wɔn ano ka akonkosɛm, na mfasoɔ nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛberɛ biara, saa nnipa yi nwiinwii na wɔde mfomsoɔ to afoforɔ so. Wɔdi wɔn akɔnnɔ akyi. Wɔhoahoa wɔn ho na wɔdaadaa afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛba abɛdi wɔn akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Eyinom yɛ anwiinwiifo, nnebɔneyɛfo a, wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi, na wɔn ano ka ahupoosɛm, na mfaso nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:16
38 Iomraidhean Croise  

Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ obi anim, na madɛfɛdɛfɛ m’ano mama onipa,


Nea ɔnhwɛ atitiriw anim, na ommu ɔdehye nsen mmɔboroni; efisɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa.


Wonwiinwii wɔn ntamadan mu, na wɔantie AWURADE asɛm.


N’ankasa n’ani so obu onipa huhuw animtiaa, na odi wɔn a wosuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakra.


Wɔapirim wɔn koma, wonni mmɔborohunu biara, wɔde wɔn ano ka ahantan kasa.


Wosi atwetwe na wɔde tibɔne ka amimdi asɛm, wɔka akokurokosɛm.


Animhwɛ nye, nanso aduan afono ma so mpo na onipa bedi asɛmmɔne.


Na wɔn a wɔfom wɔ honhom mu benya ntease, na anwiinwiifo nso ani begye kyerɛkyerɛ ho.


Munntwa atemmu mu nkontompo: nhwɛ ɔbrɛfo anim na nyɛ nea ɛbɛsɔ otumfo ani; trenee mu na bu wo yɔnko atɛn.


Na mmarima a Mose soma ma wɔkɔsraa asase no a wɔsan bae na wɔmaa asafo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ no, sɛ wɔmaa asase no ho atenka bɔne, fi trɛwee no,


Enti AWURADE na wo ne w'asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron de, hena ne no na munwiinwii hyɛ no?


Na n'adekyee no Israel asafo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Mo na moakum AWURADE man.


Na Farisifo ne akyerɛwfo no nwiinwii kae sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfo, na ɔne wɔn didi.


Na nkurɔfokuw no hui no, wɔn nyinaa nwiinwii kae sɛ: Ɔkɔ akɔsoɛ ɔbarima a ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo.


Na akyerɛwfo ne Farisifo nwiinwii kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi na monom yi?


Ɛnna Yudafo no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ: Mene abodoo a esian fii soro no,


Na Yesu tee nka ne mu sɛ n’asuafo renwiinwii eyi ho no, osee wɔn sɛ: Eyi to mo hintidua anaa?


Nso munnnwiinwii, sɛnea wɔn mu binom nwiinwii na ɔsɛefo bɛsɛee wɔn no.


Na mise: Monnantew honhom mu, na munnni ɔhonam akɔnnɔ akyi.


Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu de abɔ ɔhonam ne ne nhyɛsode ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu.


na munwiinwii mo ntamadan mu sɛ: Ɔtan so na AWURADE yii yɛn fii Misraim asase so, sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Amorifo nsa na wɔasɛe yɛn.


Monkwati huhuhuhu ne akyinnyegye nyɛ ade nyinaa,


ɛnyɛ akɔnnɔ anibere mu sɛ amanaman a wonnim Nyankopɔn no;


mansotwe a ɛsɛ nnipa a wɔn adwenem asɛe, na nokware abɔ wɔn a wosusuw sɛ onyamesom pa yɛ adepɛde.


Na bere bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a eye no, na sɛ wɔn asom yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfo aboa wɔn ho so, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te.


Monyɛ sɛ asoɔmmerɛw mma, na monnyɛ mo ho sɛnea kan a munnim biribiara no mo akɔnnɔ te no,


Adɔfo, mitu mo fo sɛ ahɔho ne amamfrafo, sɛ munyi mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ a ɛne ɔkra ko no ho,


na ɔhonam mu asetena bere a aka no, wantena ase amma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom watena ase ama Onyankopɔn apɛde.


ne titiriw no, wɔn a wodi honam akyi, efi ho akɔnnɔ mu, na wɔtew tumidi ahi. Wɔyɛ anuɔdenfo, ahopɛfo, wɔn ho mpopo sɛ wɔbɛka anuonyamfo ho asɛmmɔne.


Na wɔkeka ahupoosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a woguan fii wɔn a wɔbɔ nnaadaa mu bra no mu nkyɛe.


Munhu eyi kan sɛ, nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba


abebu wɔn nyinaa atɛn, na wayi wɔn mu amumɔyɛfo nyinaa ntɛn, wɔn amumɔyɛde a wɔyɛe nyinaa ne wɔn atirimmɔdensɛm ne nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo no kae de tiaa no nyinaa ho.


sɛ wɔka kyerɛɛ mo sɛ: Ɛbere a edi akyiri no mu no, fɛwdifo bɛba a wobedi wɔn ankasa amumɔyɛ akɔnnɔ akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan