Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:13 - KYERƐW KRONKRON

13 po asorɔkye a ehuru a epuw wɔn ankasa aniwu gu, nsoromma a ekyinkyin a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 ɛpo asorɔkyeɛ a ɛhuru a ɛpu wɔn ara wɔn aniwuo guo, nsoromma a ɛkyinkyini a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔte sɛ po asorɔkye a ano yɛ den a ehuru sɛ ahuru da wɔn aniwude adi. Wɔte sɛ nsoromma a ekyinkyin a Onyankopɔn de wɔn asie ɔsɛe sum kabii mu afebɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 ɛpo asorɔkyeɛ a ɛhuru a ɛpu wɔn ara wɔn aniwuo guo, nsoromma a ɛkyinkyini a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔte sɛ ɛpo asorɔkye a ano yɛ den a ɛhuru sɛ ahuro da wɔn aniwudeɛ adi. Wɔte sɛ nsoromma a ɛkyinkyini a Onyankopɔn de wɔn asie ɔsɛeɛ esum kabii mu afebɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 po asorɔkye a ehuru a epuw wɔn ankasa aniwu gu, nsoromma a ekyinkyin a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:13
12 Iomraidhean Croise  

Woma ɛpo huuyɛ, emu asorɔkye huuyɛ gyae, na woma amanaman kitikitiyɛ ano dwo.


Na abɔnefo te sɛ ɛpo a ehuru kutukutu; na entumi nyɛ komm, na emu nsu puw dontori ne dɔte gu.


wɔn na wɔn awiei ne ɔsɛe, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn anuonyam wɔ wɔn aniwu mu, na asase so nneɛma ho na wodwen.


Na nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔadaadaa wɔn nso.


Eyinom yɛ mmura a nsu nni mu, suwusiw a mframa bɔ huu de rekɔ, wɔn na wɔde sum kabikabi asie wɔn.


Na abɔfo a wɔankora wɔn panyinni, na mmom wogyaw wɔn ankasa tenabea no, ɔde daa ahama akyekyere wɔn akora wɔn esum kabii mu ama da kɛse no atemmu.


Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtow no kyenee ogya ne sufre tare no mu, nea aboa no ne atoro diyifo no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa.


Na ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyideyɛfo ne awudifo ne nguamammɔfo ne adutofo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu no mu, ɛne owuprenu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan