Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yuda 1:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Eyinom yɛ mo dɔ adidi mu nkekae, wɔne mo redidi, wɔmfɛre ade, wɔyɛn wɔn ho; wɔyɛ omununkum a nsu nni mu a mframa twetwe kyinkyin, nnua a ɛso nhaban aporow a enni aba na awuwu mprenu a ne ntini atutu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Yeinom yɛ mo dɔ adidie mu nkekaeɛ, wɔne mo redidi, wɔmfɛre adeɛ, wɔyɛne wɔn ho; wɔyɛ mununkum a nsuo nni mu a mframa twetwe kyinkyini, nnua a ɛso nhahan aporeɛ a ɛnni aba, na awu mprenu a ne nhini atutuo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔte sɛ nkekae fi a ɛwɔ onua aduan a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a esi na mframa bɔ no, nanso osu ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnsow aba asusowbere mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne ntin ama awu koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Yeinom yɛ mo dɔ adidie mu nkekaeɛ, wɔne mo redidi, wɔmfɛre adeɛ, wɔyɛne wɔn ho; wɔyɛ mununkum a nsuo nni mu a mframa twetwe kyinkyini, nnua a ɛso nhahan aporeɛ a ɛnni aba, na awu mprenu a ne nhini atutuo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔte sɛ nkekaeɛ fi a ɛwɔ wo nua aduane a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a ɛsi na mframa bɔ no, nanso osuo ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnso aba asusɔberɛ mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne nhini ama awu koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Eyinom yɛ mo dɔ adidi mu nkekae, wɔne mo redidi, wɔmfɛre ade, wɔyɛn wɔn ho; wɔyɛ omununkum a nsu nni mu a mframa twetwe kyinkyin, nnua a ɛso nhaban aporow a enni aba na awuwu mprenu a ne ntini atutu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yuda 1:12
35 Iomraidhean Croise  

ɛnne metu wɔn afi m’asase a mede memaa wɔn no so, na ofi a mayɛ no kronkron mama me din yi, mɛtow afi m’anim akyene, na mede mayɛ bɛ ne nkasaguaa aman nyinaa mu.


ne ntini mantammantam abokuw ho, ɔhyɛn abo ntam.


Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.


na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ sare, na wɔakisa sɛ wura momono.


Nea ɔde ayɛyɛ hunu hoahoa ne ho no te sɛ amununkum ne mframa a osu nni mu.


Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So ɛbɛyɛ yiye? So ɔrentutu ne ntini na n’aba, entwintwam? Ahaban a ɛfefɛwee no nyinaa betwintwam, na ɛnyɛ basa kɛse anaa dɔm bebree na ehia sɛ wɔde beso ne ntini mu atu no.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne nguanhwɛfo no anya, na mebisa me nguan no wɔn nsam, na mama wɔagyae nguanhwɛ adwuma no yɛ, na nguanhwɛfo no anyɛn wɔn ho bio, na magye me nguan afi wɔn anom, na wɔanyɛ wɔn aduan bio.


So ɛyɛ mo adewa sɛ mudidi adidibea pa, na mo adidibea nkae no, mode mo nan tiatia so? Na monom nsu a agyen, na mode mo nan fono nkae no?


Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nguanhwɛfo no, sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Munnue, Israel nguanhwɛfo a wɔyɛn wɔn ho no; so ɛnyɛ nguan na nguanhwɛfo yɛn wɔn?


Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, esiane sɛ me nguan adan afow ade, na me nguan adan wuram mmoa nyinaa aduan, sɛ wonni hwɛfo nti, na me nguanhwɛfo mmisaa me nguan akyi kwan, na mmom nguanhwɛfo no yɛn wɔn ho, na me nguan no de, wɔanhwɛ wɔn nti,


Dɛn na menyɛ wo, Efraim? Dɛn na menyɛ wo, Yuda? Na mo adɔe te sɛ anɔpa mununkum, na ɛte sɛ obosu a ɛpɛ ntɛm akɔ.


Na sɛ abo no tutu ne ofi no ho wewerɛw ne ɛho ma akyi no ntotowee no san bepue ofi no mu,


na owia fii no, ekisae, na enni ntini nti, ɛhyewee.


Na obuae sɛ: Dua biara a ɛnyɛ me soro agya na oduae no, wobetu.


na owia fii no, ekisae, esiane sɛ enni ntini nti, ewui.


Na sɛ akoa no se ne komam sɛ: Me wura akyɛ ne ba, na ofi ase boro asomfo ne mmaawa no, na odidi na ɔnom bow a,


Na ɔdefo bi tenaa ase a ɔhyɛ ntade papa a ne bo yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gye n’ani daa.


Na monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri,


Na ebi koguu ɔbotan so; na efifii no, ɛhyewee, efisɛ enni bosu nti.


na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradato mu, anifere a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛɛ mu;


wɔn na wɔn awiei ne ɔsɛe, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn anuonyam wɔ wɔn aniwu mu, na asase so nneɛma ho na wodwen.


Na nea ɔbɔ ahohwi no de, ɔyɛ teaseawu.


Mommma nkyerɛkyerɛ horow ne nsɛm foforo mmfa mo nnkyinkyin, na eye sɛ wɔde adom hyɛ koma den, na ɛnyɛ nnuan a wɔn a wodii no nni ho mfaso biara.


Mode asetena fɛfɛ atena asase so, na moabɔ ahohwi, na moayɛn mo koma wɔ okum da.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan