Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 8:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Yosua sɔree, ɔno ne akofo dɔm no nyinaa, sɛ wɔreforo akɔ Ai. Na Yosua yiyii mmarima akofo ɔpeduasa, na ogyaa wɔn kwan anadwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Yosua sɔree, ɔno ne akofoɔ dɔm no nyinaa sɛ wɔreforo akɔ Ai. Na Yosua yiyii mmarima akofoɔ mpem aduasa, na ɔgyaa wɔn kwan anadwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Yosua ne Israel nsraadɔm no sii mu sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Ai so. Yosua yii asraafo mpem aduasa, somaa wɔn anadwo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yosua sɔree, ɔno ne akofoɔ dɔm no nyinaa sɛ wɔreforo akɔ Ai. Na Yosua yiyii mmarima akofoɔ mpem aduasa, na ɔgyaa wɔn kwan anadwo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Yosua ne Israel akodɔm no siim sɛ wɔrekɔto ahyɛ Ai so. Yosua yii akodɔm ɔpeduasa, somaa wɔn anadwo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Yosua sɔree, ɔno ne akofo dɔm no nyinaa, sɛ wɔreforo akɔ Ai. Na Yosua yiyii mmarima akofo ɔpeduasa, na ogyaa wɔn kwan anadwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 8:3
10 Iomraidhean Croise  

Na Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi mmarima ma yɛn, na fi adi kɔ, na wo ne Amalek nkɔko. Ɔkyena me de, megyina koko no atifi, na makura Onyankopɔn poma no wɔ me nsam.


na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na Onipa Ba no ba bɛyɛ.


akoa no wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwan ne dɔn a onnim mu,


Na ɔdasu mu no, wɔtee nteɛm sɛ: Hwɛ, ayeforokunu ni oo! Mumfi nkohyia no!


Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifo ba anadwo.


Ɛnna Yosua fii Gilgal foro kɔe, ɔno ne akofo dɔm no nyinaa ne nnɔmmarima nyinaa.


Na yɛ Ai ne ne hene sɛnea woyɛɛ Yeriko ne ne hene no; emu asade ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛwfo ma wɔnkɔtɛw kurow no akyi mma wo.


Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ, monkɔtɛw kurow no, kurow no akyi noho; mommma mo ne kurow no ntam nnware bebree, na mo nyinaa nnyina ahoboa mu.


Na Awurade da no bɛba sɛ owifo ba. Emu na ɔsoro de kukurududu betwam akɔ, na ewim mfitiasede bɛhyew asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhyew.


Na afei sɔre anadwo, wo ne ɔman a wɔka wo ho no, na kɔtɛw wuram.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan