Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 8:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na yɛ Ai ne ne hene sɛnea woyɛɛ Yeriko ne ne hene no; emu asade ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛwfo ma wɔnkɔtɛw kurow no akyi mma wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na yɛ Ai ne ne hene sɛdeɛ woyɛɛ Yeriko ne ne hene no: Emu asadeɛ ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛfoɔ ma wɔnkɔtɛ kuro no akyiri mma wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wobɛsɛe wɔn sɛnea wosɛe Yeriko ne ne hene no. Nanso, saa bere yi de, mutumi fa asade ne anantwi no. Ma wʼasraafo no nkɔtɛw kuropɔn no akyi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na yɛ Ai ne ne hene sɛdeɛ woyɛɛ Yeriko ne ne hene no: Emu asadeɛ ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛfoɔ ma wɔnkɔtɛ kuro no akyiri mma wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wobɛsɛe wɔn sɛdeɛ wosɛee Yeriko ne ne ɔhene no. Nanso, saa ɛberɛ yi deɛ, motumi fa asadeɛ ne anantwie no. Ma wʼasraafoɔ no nkɔtɛ kuropɔn no akyi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na yɛ Ai ne ne hene sɛnea woyɛɛ Yeriko ne ne hene no; emu asade ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛwfo ma wɔnkɔtɛw kurow no akyi mma wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 8:2
27 Iomraidhean Croise  

Na Yeroboam maa atɛwfo buu wɔn ho braka na wɔabefi wɔn akyi. Na wɔwɔ Yuda anim, na atɛwfo no wɔ wɔn akyi.


Na ɛbere a wɔrefi dwonto ne ayeyi ase no, AWURADE maa atɛwfo baa Amonfo, Moab ne Seir bepɔw sofo a wɔbaa Yuda so no so, na wɔkaa wɔn gui.


Ampa ara, onipa nam sɛ sunsuma kwa. Ampa ara, wɔhaw wɔn ho ohuruhuro ho; wɔhyɛ da so, na wonnim nea ɔbɛboa ano.


Onipa pa gyaw n’ade ma mma mma, na ɔdebɔneyɛfo ahonyade de, wotia ma ɔtreneeni.


Onipa ɔnokwafo nhyira bɛdɔɔso, na nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Nea ɔpɛ ade anya na onnya no trenee so no te sɛ akokɔhwerew a obutuw nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee so, obebu ne nna mu fa agyaw, na n’awiei mu ɔbɛyɛ ɔkwasea.


Munsi frankaa nhyɛ Babel afasu, momma ɔwɛn no mu nyɛ den, momfa awɛmfo nsisi hɔ, munsiesie atɛwfo, na AWURADE dwen ne tirim, nso ɔreyɛ nea waka Babelfo ho no.


gye afieboa nko na yɛfow wɔn fae, ɛne nkurow a yɛfae no mu asade.


nanso mmea ne mmofra ne afieboa ne nea ɛwɔ kurow no mu nyinaa, emu asade nyinaa de, fom fa, na di w’atamfo asade a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro no, na mede ɔne ne man nyinaa ne n’asase mahyɛ wo nsa, sɛ yɛ no sɛnea woyɛɛ Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no.


Na Yerusalem hene Adoni-sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, na sɛnea ɔyɛɛ Yeriko ne ne hene no, saa ara na wayɛ Ai ne ne hene nso,


Na Yosua faa Makeda da no ara, na ɔde nkrante kunkum wɔn ne emu hene nso; na ɔsɛee akra a wɔwɔ mu nyinaa pasaa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ Makeda hene sɛnea ɔyɛɛ Yeriko hene no.


Na nkurow yi mu asade nyinaa ne mmoa no, Israelfo no fom fae, na nnipa no de, wɔde nkrante kunkum wɔn kosii sɛ woguu wɔn ase dwerɛbee a, wɔannyaw biribiara a ɛhome.


Na wɔde nkrante sɛee nea ɛwɔ kurow no mu nyinaa pasaa, mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin, anantwi ne nguan ne mfurum.


Na ɔde nnipa bɛyɛ sɛ mpemnum kɔtetɛw Betel ne Ai ntam, kurow no atɔe fam.


na Ai hene hui no, ɔne ne man nyinaa ne kurow no mu mmarima no, yɛɛ ntɛm tuaa ahema kɔɔ nea wɔahyɛ hɔ, tataw no anim, sɛ wɔrebehyia Israel ne wɔn ako; nso na onnim sɛ wɔtɛw no kurow no akyi.


Ɛnna atɛwfo no sɔree ntɛm fii wɔn afa hɔ, na ɔteɛɛ ne nsa no, wotutuu mmirika kɔhyɛn kurow no mu na wɔfae, na wɔyɛɛ ntɛm de ogya too kurow no mu.


Na Israel wiee Aifo nyinaa kum wɔ sare so petee mu, faako a wotiw wɔn no, na wɔn nyinaa totɔe nkrante ano kosii sɛ wɔsae no, Israel nyinaa san kɔɔ Ai, de nkrante kokunkum wɔn.


Na Yosua sɔree, ɔno ne akofo dɔm no nyinaa, sɛ wɔreforo akɔ Ai. Na Yosua yiyii mmarima akofo ɔpeduasa, na ogyaa wɔn kwan anadwo.


Na mo de, monsɔre mfi ɔtɛw no mu, na momfa kurow no, na AWURADE mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa.


Na sɛ munya fa kurow no a, monto kurow no mu gya; monyɛ no sɛnea AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, ɔhyɛ na mahyɛ mo no.


Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wosiim kɔtɛwee; na wɔtenaa Betel ne Ai ntam, Ai atɔe fam; na Yosua daa ɔman no mu anadwo no.


Na Gibeonfo tee nea Yosua yɛɛ Yeriko ne Ai no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan