Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 4:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na Yosua momaa abo dumien nso so sisii Yordan mu, nea asɔfo a wɔso apam adaka no anan sisii hɔ, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Yosua memaa aboɔ dummienu nso so sisii Yordan mu, deɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no nan sisiiɛ hɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Yosua nso de abo dumien sii nkaedum wɔ Yordan mfimfini wɔ faako a na asɔfo a wɔso apam Adaka no gyinae no. Ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na Yosua memaa aboɔ dummienu so sisii Yordan mu, deɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no nan sisiiɛ hɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Yosua nso de aboɔ dumienu sii nkaeɛdum wɔ Yordan mfimfini wɔ baabi a na asɔfoɔ a wɔso apam Adaka no gyina hɔ. Ɛwɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Yosua momaa abo dumien nso so sisii Yordan mu, nea asɔfo a wɔso apam adaka no anan sisii hɔ, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 4:9
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔfrɛɛ no Siba. Enti kurow no din de Beer-seba de besi nnɛ yi ara.


Na Yakob sɔree anɔpatutu, na ɔfaa ɔbo a osumii no de yɛɛ odum sii hɔ, na ohwiee ngo guu so.


Na Beerotfo no guan kɔɔ Gitaim kɔyɛɛ hɔ ahɔho, na wɔwɔ hɔ de besi nnɛ.


Na Elia tasee abo dumien sɛ Yakob a AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Israel ne wo din no, mma mmusuakuw no ano si.


Na mpoma no wowaree ma wohu mpoma no ti, adaka no ho, mpiakyiri no anim, na wonhu adiwo hɔ, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ da yi.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro bra me nkyɛn bepɔw no so bɛtena ha, na mɛma wo abo pon ne mmara ne ahyɛde a makyerɛw, na woakyerɛkyerɛ wɔn.


Na abo no ano nyɛ sɛ Israel mma no din ano te, dumien, sɛ wɔn din no te; ɛnyɛ nsɔanode nkurukyerɛwee, sɛnea din no te mmiako mmiako, sɛ mmusuakuw dumien no te.


Enti wɔfrɛɛ asase no sɛ Mogya Asase de besi nnɛ.


Na wogyee sika no kɔyɛe sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn no. Na asɛm yi atrɛw Yudafo mu de abedu nnɛ.


Na osiee no obon mu Moab asase so, Bet-peor ntentenso; na obiara nnim ne damoa de besi nnɛ.


Na Yosua kyerɛw nsɛm yi hyɛɛ Onyankopɔn mmara nhoma no mu, na ɔde ɔbo kokuroo sii hɔ wɔ okum dua a esi AWURADE kronkronbea no ase.


Na asɔfo a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kosii sɛ wowiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa, sɛnea Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.


Na ɔbarima no siim kɔɔ Hetifo asase so kɔkyekyee kurow, na ɔtoo no din Lus. Ɛno ne ne din de besi nnɛ.


Na efi da no ara de rekɔ no, ɔde too hɔ yɛɛ ahyɛde ne atemmude maa Israel de besi nnɛ.


Ɛnna Samuel faa ɔbo biako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Ebeneser a ase ne: Ɔboa bo, kae sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abesi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan