Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 4:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na Ruben mma ne Gad mma ne Manase abusuakuw fa no kɔɔ amia mu twa kodii Israelfo no anim, sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Ruben mma ne Gad mma ne Manase abusuakuo fa no miae twa kɔdii Israelfoɔ no anim, sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na akofo a wɔahyɛ wɔn akode a wofi Ruben abusuakuw mu, Gad abusuakuw mu ne Manase abusuakuw fa mu akofo no dii Israelfo no anim twaa Yordan sɛnea Mose kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na Ruben mma ne Gad mma ne Manase abusuakuo fa no miae twa kɔdii Israelfoɔ no anim, sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na akofoɔ a wɔahyɛ wɔn akodeɛ a wɔfiri Ruben abusuakuo mu, Gad abusuakuo mu ne Manase abusuakuo fa mu akofoɔ no dii Israelfoɔ no anim twaa Yordan sɛdeɛ Mose kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Ruben mma ne Gad mma ne Manase abusuakuw fa no kɔɔ amia mu twa kodii Israelfo no anim, sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 4:12
9 Iomraidhean Croise  

Enti Onyankopɔn de ɔman no kɔntɔn faa sare so kwan a ɛda mmɛw po ho no so. Na Israelfo no kɔɔ amia mu fii Misraim asase so kɔe.


Gad mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, sɛ wɔn din dodow si, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa,


na yɛn de, yɛamia aso akode mu adi Israelfo anim akosi sɛ yɛde wɔn bedu wɔn tenabea ansa; na yɛn mma ntenatena nkurow a ɛyɛ den no mu asase no sotefo no nti.


Na mehyɛɛ mo saa bere no sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de asase yi ama mo sɛ munni so, mo akofofo nyinaa mmia ntwam nni mo nuanom Israelfo anim;


ɔno na ɔpaw nea eye no fae, na ɛhɔ na wɔakora mmarahyɛfo no kyɛfa; na ɔnam di ɔman no atitiriw mu, ɔyɛ AWURADE treneede ne n’atemmude wɔ Israel.


mo yerenom, mo mma ne mo mmoakuw ntena asase a Mose de maa mo Yordan agya yi so, na mo de, munni mo nuanom anim amia mu, akofofo nyinaa, na munni mmoa wɔn,


Na ɔman no nyinaa wiee otwa no, na AWURADE adaka no nso twae, na asɔfo no kodii ɔman no anim.


nnipa bɛyɛ ɔpeduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko na etwa dii AWURADE anim kɔɔ ɔsa, Yeriko tataw so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan