Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 4:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na asɔfo a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kosii sɛ wowiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa, sɛnea Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na asɔfoɔ a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kɔsii sɛ wɔwiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa sɛ Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Asɔfo a na wɔso adaka no gyinaa asu no mfimfini hɔ ara kosii sɛ wɔyɛɛ Awurade ahyɛde a ɔnam Mose so de maa Yosua no nyinaa. Saa bere no, nnipa no yɛɛ ntɛm twaa asu no koduu ne konkɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na asɔfoɔ a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kɔsii sɛ wɔwiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa sɛ Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Asɔfoɔ a na wɔso adaka no gyinaa asuo no mfimfini hɔ ara kɔsii sɛ Awurade ahyɛdeɛ a ɔnam Mose so de maa Yosua no, wɔyɛɛ ne nyinaa. Saa ɛberɛ no, nnipa no yɛɛ ntɛm twaa asuo no kɔsii ne konkɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na asɔfo a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kosii sɛ wowiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa, sɛnea Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 4:10
14 Iomraidhean Croise  

Na sɛ asɔfo a wɔso Awurade, asase nyinaa wura no, adaka no anammɔn ka Yordan nsu no ara pɛ a, Yordan mu nsu a esian fi atifi ba no betwa, na abɔ kuw agyina hɔ.


Na ɔka sɛ: Bere a ɛsɛ mu na matie wo, na nkwagye da na maboa wo; hwɛ, afei ne adom bere, hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagye da.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede ɔbo bi atim Sion, ɔbo a wɔasɔ no ahwɛ, twea bo a ne bo yɛ den a etim hɔ tim pa ara, nea ogye di no renguan.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.


Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wunnim nea ɛda no de bɛba.


Mayɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ medi wo mmara nsɛm so.


Na Mose kyerɛw mmara yi, na ɔde maa asɔfo no, Lewi mma a wɔsoa AWURADE apam adaka no, ne Israel mpanyimfo nyinaa.


Na wɔde mmɔre a wɔde fi Misraim bae no totoo apiti fam, na ɛnkawee ɛ, efisɛ Misraimfo no pam wɔn, na wɔantumi antwentwɛn wɔn nan ase, na wonsiesiee akwansoduan nso ɛ.


Na Yosua momaa abo dumien nso so sisii Yordan mu, nea asɔfo a wɔso apam adaka no anan sisii hɔ, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.


Na ɔman no nyinaa wiee otwa no, na AWURADE adaka no nso twae, na asɔfo no kodii ɔman no anim.


Na mutwaa Yordan baa Yeriko, na Yerikofo ne mo koe, ne Amorifo ne Perisifo ne Kanaanfo ne Hetifo ne Girgasifo ne Hewifo ne Yebusifo; na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan