Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 3:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mefi ase mayɛ wo kɛse Israel nyinaa ani so, na wɔahu sɛ, sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mayɛ wo kɛseɛ Israel nyinaa ani soɔ, na wɔahunu sɛ, sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nnɛ, mefi ase ayɛ wo ɔkɛse wɔ Israelfo no nyinaa ani so. Na ɛbɛma wɔahu sɛ, meka wo ho sɛnea na meka Mose ho no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mayɛ wo kɛseɛ Israel nyinaa ani soɔ, na wɔahunu sɛ, sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Ɛnnɛ, mɛhyɛ aseɛ ayɛ wo kɛseɛ wɔ Israelfoɔ no nyinaa ani so. Na ɛbɛma wɔahunu sɛ, meka wo ho sɛdeɛ na meka Mose ho no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mefi ase mayɛ wo kɛse Israel nyinaa ani so, na wɔahu sɛ, sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 3:7
13 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE maa Solomon soe kɛse pa ara Israel nyinaa ani so, na ɔhyɛɛ no ahenni mu anuonyam a ahene a wodii Israel so dii n’anim no biara nnyaa bi da.


Na Dawid ba Solomon hyɛɛ ne ho den n’ahenni so, na AWURADE, ne Nyankopɔn dii n’akyi na ɔmaa no soe kɛse pa ara.


Ɔdesani ne hena a wubu no ɔkɛse, na wudwen ne ho?


Na woama me wo nkwagye kyɛm, na wo nsa nifa soo me mu, na wo mmoa maa meyɛɛ kɛse.


Eyinom na Yesu kae, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkae sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba anuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo anuonyam,


mewɔ anidaso na mehwɛ kwan dennennen sɛ, m’anim rengu ase biribiara mu, na mmom me namyɛ kɛse nti, sɛnea ɛte daa no, seisei ara nso, sɛ nkwa mu oo, owu mu oo, wɔbɛkamfo Kristo wɔ me nipadua mu.


Sɛnea yetiee Mose, nsɛm nyinaa no, saa ara na yebetie wo; odi na AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyi, sɛnea odii Mose akyi no.


Obi biara rennyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi; merempa wo na merennyaw wo.


Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.


Na Yosua ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: Monsoa apam adaka no nsen nni ɔman no anim. Na wɔsoaa apam adaka no dii ɔman no anim.


Na wo de, hyɛ asɔfo a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ mudu Yordan nsu no ano a, munnyina Yordan mu.


Da no ara na AWURADE pagyaa Yosua, Israel nyinaa ani so, na wosuroo no sɛnea wosuroo Mose no, ne nkwa nna nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan