Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 3:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Montew mo ho, na ɔkyena AWURADE bɛyɛ anwonwade wɔ mo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monte mo ho, na ɔkyena AWURADE bɛyɛ mo mu anwanwadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yosua ka kyerɛɛ nkurɔfo no se, “Munnwira mo ho, efisɛ, ɔkyena Awurade bɛyɛ anwonwade wɔ mo mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monte mo ho, na ɔkyena AWURADE bɛyɛ mo mu anwanwadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yosua ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Monnwira mo ho, ɛfiri sɛ, ɔkyena Awurade bɛyɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Montew mo ho, na ɔkyena AWURADE bɛyɛ anwonwade wɔ mo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 3:5
16 Iomraidhean Croise  

Na apontow nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kodwira wɔn, na otua ahema kɔbɔ ɔhyew afɔre sɛnea wɔn nyinaa dodow te, efisɛ Hiob ka sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn koma mu. Saa na Hiob yɛ daa.


Wode wo nsa na agye wo man, Yakob ne Yosef mma no. Sela


Na woyɛ kɛse, na woyɛ anwonwade, wo nkutoo ne Nyankopɔn.


Mommoa ɔman no ano, monhyɛ ɔman nhyiam kronkron, munhyia nkwakoraa, mommoa mmofra ne nufu ano mma ano. Ayeforokunu mfi ne pia mu, na ayeforo mfi ne dabekyiri mu mfi adi.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɛno ne nea AWURADE kae sɛ: Wɔn a wotwiw bɛn me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho anuonyam.


Enti montew mo ho na monyɛ kronkron: na mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Ɔman no nenam tasetasee, na wɔyam owiyammo so anaasɛ wosiw awaduru mu na wɔnoa ɔsɛn mu, na wɔyɛ no tetare, na ne dɛ te sɛ ngo tetare dɛ.


Na meyɛ me ho kronkron mema wɔn, na wɔn nso ayɛ kronkron wɔ nokware mu.


Na sɛ asɔfo a wɔso Awurade, asase nyinaa wura no, adaka no anammɔn ka Yordan nsu no ara pɛ a, Yordan mu nsu a esian fi atifi ba no betwa, na abɔ kuw agyina hɔ.


na asɔfo a wɔso adaka no duu Yordan ano, na wɔn anan sii nsu no mu ara pɛ


nanso munsusuw ɔkwan bɛyɛ sɛ basafa apem nto mo ne no ntam, mommmɛn no, sɛnea ɛbɛyɛ na moahu ɔkwan ko a mobɛfa so, efisɛ momfaa ɔkwan yi so pɛn.


Na Yosua ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: Monsoa apam adaka no nsen nni ɔman no anim. Na wɔsoaa apam adaka no dii ɔman no anim.


Sɔre tew ɔman no ho na ka sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena; na sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Ahyirade wɔ wo mu, Israel! Worentumi nnyina w’atamfo anim kosi sɛ mubeyi ahyirade no afi mo mu.


Na ose: Asomdwoe mu: AWURADE afɔrebɔ na mebae yi; munnwira mo ho na mo ne me nkɔ afɔre no ho. Na odwiraa Yese ne ne mma no, na ɔfrɛɛ wɔn baa afɔre no ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan