Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wotu fii Sitim, na woduu Yordan ano, ɔno ne Israelfo nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wotwae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wɔtu firii Sitim, na wɔduruu Yordan ano, ɔno ne Israelfoɔ nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wɔretwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ade kyee anɔpahema no, Yosua ne Israelfo no nyinaa tu fii Sitim koduu Asubɔnten Yordan nsunoa, baabi a wɔtenaa nna kakra ansa na wɔretwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wɔtu firii Sitim, na wɔduruu Yordan ano, ɔno ne Israelfoɔ nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wɔretwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa tu firii Sitim kɔduruu Asubɔnten Yordan nsunoa, baabi a wɔtenaa nna kakra ansa na wɔretwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wotu fii Sitim, na woduu Yordan ano, ɔno ne Israelfo nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wotwae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 3:1
16 Iomraidhean Croise  

Na Abraham sɔree anɔpatutu faa aduan ne nsu kotoku, na ɔde maa Hagar, ɔde sii ne kɔn ho, na ogyaa ɔne abofra no kwan. Na ɔkɔe, kokyinkyinii Beer-seba sare so.


Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n'afurum, na ɔfaa ne mmofra mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na otwaa ɔhyew afɔre nnyina, na osiim kɔɔ nea Onyankopɔn kyerɛɛ no no.


Mayɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ medi wo mmara nsɛm so.


Efi Yuda hene Yosia a ɔyɛ Amon ba afe a ɛto so dumiɛnsa so de bedu nnɛ da yi, mfirihyia aduonu abiɛsa yi mu, AWURADE asɛm baa me nkyɛn na mituaa ahema meka mekyerɛɛ mo, na moantie.


na muntie me nkoa adiyifo a meresoma wɔn mo nkyɛn a mitua ahema mesoma wɔn na moantie no nsɛm no a,


Na afei, esiane sɛ moayɛ eyinom nyinaa, AWURADE asɛm ni, na matua ahema makasa makyerɛ mo, makasa na moantie, na mafrɛ mo nso na moannye so nti,


Me man, kae agyina a Moab hene Balak tui, ne nea Beor ba Bileam de buaa no, ne nea esii fi Sitim kodu Gilgal, sɛnea ɛbɛyɛ na woahu AWURADE nsɛntrenee no.


Na Israel tenaa Sitim. Na ɔman no fii ase ne Moab mmabaa bɔɔ aguaman;


Na ɔsɔree ahemadakye fii adi, na ɔkɔɔ sare so baabi; na ɔkɔbɔɔ mpae wɔ hɔ


Na Nun ba Yosua somaa mmarima asraafo baanu fi Sitim ahintawee mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wosiim kɔe, na woduu ɔbea aguaman bi a wɔfrɛ no Rahab fi, na wɔdaa hɔ.


Na Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfo no soaa AWURADE adaka no;


Na da a ɛto so ason no, ade rekye pɛ, wotuaa ahema sɔree ntɛm, na wotwaa kurow no ho hyiae saa ara mpɛn asɔn; da no nko na wotwaa kurow no ho hyiae mpɛn ason.


Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na ɔde Israel twiw bɛnee abusuakuw abusuakuw; na wɔkyeree Yuda abusuakuw.


Na Yosua sɔree anɔpahema siesiee ɔman no, na ɔno ne Israel mpanyimfo foro dii ɔman no anim kɔɔ Ai.


Na Israelfo sɔree anɔpa kɔbɔɔ Gibea so nsra.


Na Dawid sɔree anɔpahema gyaw nguan no hyɛɛ ɔhwɛfo foforo nsa na ɔsoaa nneɛma no kɔe, sɛnea Yese hyɛɛ no no; na okoduu nteaseɛnam aboae; na ɛdɔm no refi adi akɔ mpasua so na wɔrebɔ ɔko se,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan