Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 2:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Yeriko hene no soma kɔɔ Rahab nkyɛn sɛ: Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔahyɛn wo fi no fi adi, na wɔbaa asase yi nyinaa sra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Yeriko hene no soma maa wɔkɔɔ Rahab nkyɛn sɛ: Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔabɛhyɛne wo fie no firi adi, na wɔbaa asase yi nyinaa nsra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafo a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so atow ahyɛ yɛn so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yeriko hene no soma maa wɔkɔɔ Rahab nkyɛn sɛ: Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔabɛhyɛne wo fie no firi adi, na wɔbaa asase yi nyinaa nsra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafoɔ a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ato ahyɛ yɛn so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Yeriko hene no soma kɔɔ Rahab nkyɛn sɛ: Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔahyɛn wo fi no fi adi, na wɔbaa asase yi nyinaa sra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 2:3
15 Iomraidhean Croise  

Na ɛbɛyɛ asram abiɛsa akyi no, wɔbɛka kyerɛɛ Yuda sɛ: W'ase Tamar abɔ aguaman, nanso hwɛ, wanyinsɛn aguamammɔ no mu. Na Yuda se: Monkɔfa no mmra na wɔnhyew no.


Na yesee no sɛ: Yɛyɛ anokwafo, yɛnyɛ akwansrafo.


Ɛnna Amonfo asafohene ka kyerɛɛ wɔn wura Hanun sɛ: So wususuw sɛ w’agya ni na Dawid di nti na ɔsomaa wo nkyɛn hyɛdenmafo yi? So ɛnyɛ kurow yi mu pɛepɛe ne ne nsra ne ne butuw nti na Dawid somaa ne nkoa baa wo nkyɛn yi?


Na Absalom nkoa no duu ɔbea no nkyɛn ofie hɔ no, wɔkae sɛ: Ɛhe na Ahimaas ne Yonatan wɔ? Na ɔbea no se: Wɔatwa asuwa no kɔ. Na wɔhwehwɛɛ wɔn; na wɔanhu wɔn no wɔsan baa Yerusalem.


Ɛnna Amonfo asafohene ka kyerɛɛ Hanun sɛ: So w’agya nidi nti na Dawid somaa wo nkyɛn hyɛdenmafo yi? So ɛnyɛ asase no mu pɛepɛe ne ne butuw ne ne sra nti na ne nkoa aba wo nkyɛn yi?


Na wɔakora nnipa bɔne so de kosi ɔsɛe da, wɔde wɔn kɔ aweredi da.


Fa nea wadome no fi adi kɔ nsra no akyi, na wɔn a wɔtee no nyinaa mfa wɔn nsa ngu n'atifi, na asafo no nyinaa nsiw no abo.


Ɛnna Pilato fii adi bae bio, na osee wɔn sɛ: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahu sɛ minhu no mu afobusɛm biara.


na ɔkyeree no no, ɔde no kɔtoo afiase. Na ɔde no hyɛɛ asraafo baanan a wɔwɛn bom saa ahorow anan nsa sɛ wɔnwɛn no. Na ɔpɛ sɛ Twam afahyɛ no akyi no, oyi no kɔkyerɛ ɔman no.


Anadwo no ara a Herode rebeyi no akɔ no, na Petro da asraafo baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn abien agu no, na awɛmfo a wogyinagyina ɔpon ano no rewɛn afiase hɔ anibere so.


Na wɔyɛɛ saa, na woyiyii ahene baanum no fii ɔbodan no mu brɛɛ no: Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene ne Eglon hene.


Na obi kɔka kyerɛɛ Yeriko hene no sɛ: Hwɛ, mmarima bi a wofi Israelfo no mu aba ha anadwo yi rebɛsra asase yi.


Na ɔbea no faa mmarima baanu no de wɔn hintawee; na ɔkae sɛ: Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn de, nanso minnim nea wofi;


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Gyina ntamadan no pon ano, na sɛ obi ba na obisa wo sɛ obi wɔ hɔ anaa a, woaka akyerɛ no sɛ: Dabi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan