Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 2:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Nun ba Yosua somaa mmarima asraafo baanu fi Sitim ahintawee mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wosiim kɔe, na woduu ɔbea aguaman bi a wɔfrɛ no Rahab fi, na wɔdaa hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Nun ba Yosua somaa mmarima asrafoɔ baanu firi Sitim ahuntaeɛ mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wɔsii mu kɔe, na wɔduruu ɔbaa dwamamfoɔ bi a wɔfrɛ no Rahab fie, na wɔdaa hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Yosua somaa akwansrafo baanu wɔ kokoa mu fii Israelfo atenae a ɛwɔ Sitim. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔsra asase a ɛda Yordan agya no, ne titiriw nea atwa Yeriko ho ahyia no.” Enti, mmarima baanu no sii mu koduu oguamanfo bi a ne din de Rahab fi, na wɔtenaa hɔ anadwo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Nun ba Yosua somaa mmarima asrafoɔ baanu firi Sitim ahuntaeɛ mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wɔsii mu kɔe, na wɔduruu ɔbaa dwamamfoɔ bi a wɔfrɛ no Rahab fie, na wɔdaa hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Yosua somaa akwansrafoɔ baanu wɔ kɔkoam firii Israelfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Sitim. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔsra asase a ɛda Yordan agya no, ne titire ne deɛ atwa Yeriko ho ahyia no.” Enti, mmarima baanu no sii mu kɔduruu odwamanfoɔ bi a ne din de Rahab fie na wɔtenaa hɔ anadwo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Nun ba Yosua somaa mmarima asraafo baanu fi Sitim ahintawee mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wosiim kɔe, na woduu ɔbea aguaman bi a wɔfrɛ no Rahab fi, na wɔdaa hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 2:1
23 Iomraidhean Croise  

Monsoma mo mu biako, na ɔnkɔfa mo nua no mmra, na mo de, wɔmfa mungu afiase, na wɔnhwehwɛ mo nsɛm no mu, sɛ nokware wɔ mu anaa; anyɛ saa de a, sɛ Farao te ase yi, moyɛ akwansrafo.


Na Yosef kaee adae a ɔsosoe wɔn ho no; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moyɛ akwansrafo, asase yi ho akwan na morebɛhwehwɛ.


Me man, kae agyina a Moab hene Balak tui, ne nea Beor ba Bileam de buaa no, ne nea esii fi Sitim kodu Gilgal, sɛnea ɛbɛyɛ na woahu AWURADE nsɛntrenee no.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Fa mmarima soma wɔn, na wɔnkɔsra Kanaan asase a mede merema Israelfo no; monsoma ɔbarima biako mfi wɔn agyanom abusuakuw biara mu, na wɔn mu biara nyɛ wɔn mu mmapɔmma no bi.


Na Israel tenaa Sitim. Na ɔman no fii ase ne Moab mmabaa bɔɔ aguaman;


Na wɔbɔɔ Yordan so nsra fi Bet-yesimot kosii Habel-sitim, Moab tataw so.


Salmon ne Rahab woo Boas, Boas ne Rut woo Obed, Obed woo Yisai,


Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anitew sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmorɔnoma.


Efisɛ munim dedaw sɛ aguamammɔfo biara anaa afideyɛfo anaa oniberefo (a ɔyɛ ɔbosonsonni) nni apɛgyade Kristo ne Nyankopɔn ahenni mu.


Gyidi nti na aguaman Rahab a ogyee akwansrafo no asomdwoe so no ansɛe amfra wɔn a wɔannye anni no mu.


Saa ara nso na ɛnyɛ nnwuma mu na wofi buu oguamamfo Rahab bem, sɛ ogyee abɔfo no na ɔma wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe no?


Obiara a ɔbɛtew w’anom asɛm ho atua na ɔrentie wo nyɛ nea wobɛhyɛ yɛn nyinaa no, wonkum no. Den nko na wo ho nyɛ, na yɛ nnam.


Na obi kɔka kyerɛɛ Yeriko hene no sɛ: Hwɛ, mmarima bi a wofi Israelfo no mu aba ha anadwo yi rebɛsra asase yi.


Helkat ne ɛho asase, ne Rehob ne ɛho asase: Nkurow anan;


Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wotu fii Sitim, na woduu Yordan ano, ɔno ne Israelfo nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wotwae.


Na Israelfo no bɔɔ nsra Gilgal, na wodii Twam no, ɔsram no da a ɛto so dunan no anwummere, Yeriko tataw so.


Na Yosef mma no soma ma wɔkɔsraa Betel, kan no na kurow no din de Lus.


Ɛnna mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no bua see wɔn nuanom no sɛ: So munim sɛ asɔfotade ne abusua ahoni a wɔasen ne agude wɔ adan yi mu? Na afei monhwɛ nea mobɛyɛ.


Na mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no kɔe kɔhyɛn hɔ faa ohoni a wɔasen ne asɔfotade ne abusua ahoni ne agude no, nso na ɔsɔfo no ne mmarima ahansia a wɔhyehyɛ akode no gyina abobow no ano.


Na Danfo no somaa wɔn abusua mu mmarima baanum, wɔn mu mmarima a wɔyɛ nnam, fi Sora ne Estaol, sɛ wɔnkɔsra asase no na wɔnhwehwɛ mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no so. Na woduu Efraim bepɔw so, Mika fi, na wɔdaa hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan