Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 13:3 - KYERƐW KRONKRON

3 ɛde fi Sihor a ɛwɔ Misraim apuei fam no ano de kosi Ekron hye so benkum fam no, wobu ma Kanaanfo; Filistifo ahemfo baanum no: Gasa de ne Asdod de, Askelon de, Gat de ne Ekron de, ne Awifo wɔ nifa fam;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 (Ɛde firi Sihor a ɛwɔ Misraim apueeɛ fam no ano de kɔsi Ekron hyeɛ so atifi fam no, wɔbu ma Kanaanfoɔ. Filistifoɔ ahemfo baanum no: Gasa deɛ ne Asdod deɛ, Askelon deɛ, Gat deɛ ne Ekron deɛ) ne Awifoɔ wɔ anafoɔ fam;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “nsase a na ɛyɛ Kanaanfo de no so. Saa asase yi fi asu Sihor a ɛda Misraim hye so a ɛsen fa atifi fam kosi Ekron hye so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 (Ɛde firi Sihor a ɛwɔ Misraim apueeɛ fam no ano de kɔsi Ekron hyeɛ so atifi fam no, wɔbu ma Kanaanfoɔ. Filistifoɔ ahemfo baanum no: Gasa deɛ ne Asdod deɛ, Askelon deɛ, Gat deɛ ne Ekron deɛ) ne Awifoɔ wɔ anafoɔ fam;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “nsase a na ɛyɛ Kanaanfoɔ dea no so. Saa asase yi firi asuo Sihor a ɛda Misraim ɛhyeɛ so a ɛtene fa atifi fam kɔsi Ekron ɛhyeɛ so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 ɛde fi Sihor a ɛwɔ Misraim apuei fam no ano de kosi Ekron hye so benkum fam no, wobu ma Kanaanfo; Filistifo ahemfo baanum no: Gasa de ne Asdod de, Askelon de, Gat de ne Ekron de, ne Awifo wɔ nifa fam;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 13:3
18 Iomraidhean Croise  

Na Ham mma ne Kus ne Misraim ne Put ne Kanaan.


Da no ara na AWURADE ne Abram pamee sɛ: W'asefo na mede asase yi mama wɔn, efi Misraim asubɔnten ho de kosi asubɔnten kɛse, Eufrate asubɔnten, no so:


Na Solomon dii nnapɔnna no ɛbere no mu, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛse, wofi nea wɔrekɔ Hamat de besi Misraim subon ano, wodii AWURADE yɛn Nyankopɔn anim nnapa nnawɔtwe abien.


Na Dawid boaa Israel man no nyinaa ano hyiae de fi Misraim Sihor ara kosii, nea wɔrekɔ Hamat ano, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn adaka no afi Kiriat-yearim aba.


na wɔfaa nsu bebree so wo sika fi Sihor nnɔbae mu, ne Nil ano awi bae, na woyɛɛ amanaman mu aguadifo.


Na afei dɛn na wubenya Misraim kɔ mu a enti worekɔ akɔnom Nil mu nsu yi? Anaa dɛn na wubenya afi Asaria kɔ mu a enti worekɔ akɔnom Eufrate mu nsu yi?


Na Awifo nso a wɔtenaa nkuraankuraa koduu Gasa no, Kaftorim a wofi Kaftor bae no bɛsɛee wɔn tenaa wɔn ananmu.


Nanso Israelfo antu Gesurfo ne Maakatfo, na Gesurfo ne Maakatfo no tenaa Israel mu de besi nnɛ.


Na Filistifo asafohene baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Daadaa no na hwɛ dekode a n’ahoɔden kɛse no wɔ mu, ne dekode a yɛde betumi no na yɛakyere no abrɛ no ase, na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbona apem ne ɔha.


Filistifo ahemfo baanum no, ne Kanaanfo ne Sidonfo ne Hewifo a wɔte Lebanon bepɔw so de fi Baal-hermon bepɔw ho kosi Hamat ahyɛnee no nyinaa.


Na Filistifo no faa Onyankopɔn adaka no, na wɔde fi Ebeneser kɔɔ Asdod.


Na wɔma wɔde Onyankopɔn adaka no kɔɔ Ekron. Na wɔde Onyankopɔn adaka no duu Ekron no, Ekronfo no teɛɛm sɛ: Wɔde Israel Nyankopɔn adaka no aba yɛn nkyɛn de rebekunkum yɛn ne yɛn man!


Na wɔsoma kohyiahyiaa Filistifo asafohene nyinaa baa wɔn nkyɛn kae sɛ: Dɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no? Na wose: Wɔnsoa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat. Na wɔsoaa Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ.


Na wɔkae sɛ: Asodi afɔre bɛn na yɛmfa mma? Na wose: Momfa sika na wɔnyɛ no sɛ mpobia anum ne sika nkura anum, sɛnea Filistifo asafohene ano si, efisɛ ɔhaw koro no ara na ɛwɔ mo nyinaa ne mo asafohene so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan