Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 11:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Kanaanfo a wɔwɔ Apuei ne atɔe ne Amorifo ne Hetifo ne Perisifo ne mmepɔw so Yebusifo ne Hewifo a wɔwɔ Hermon bepɔw ase, Mispa asase so no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Kanafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ ne Amorifoɔ ne Hetifoɔ ne Perisifoɔ ne mmepɔ so Yebusifoɔ ne Hewifoɔ a wɔwɔ Hermon bepɔ ase Mispa asase soɔ no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Kanaan ahemfo a wɔwɔ apuei ne atɔe; Amorifo ahemfo ne Hetifo ahemfo ne Perisifo ahemfo ne ahemfo a wɔwɔ Yebusifo mmepɔw asase so; ne Hewifo a wɔwɔ nkurow a ɛwɔ Hermon bepɔw ase wɔ Mispa asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Kanafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ ne Amorifoɔ ne Hetifoɔ ne Perisifoɔ ne mmepɔ so Yebusifoɔ ne Hewifoɔ a wɔwɔ Hermon bepɔ ase Mispa asase soɔ no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Kanaan ahemfo a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ; Amorifoɔ ahemfo ne Hetifoɔ ahemfo ne Perisifoɔ ahemfo ne ahemfo a wɔwɔ Yebusifoɔ mmepɔ asase so; ne Hewifoɔ a wɔwɔ nkuro a ɛwɔ Hermon bepɔ ase wɔ Mispa asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Kanaanfo a wɔwɔ Apuei ne atɔe ne Amorifo ne Hetifo ne Perisifo ne mmepɔw so Yebusifo ne Hewifo a wɔwɔ Hermon bepɔw ase, Mispa asase so no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 11:3
30 Iomraidhean Croise  

ne Mispa, ase ne: Ahwɛe, efisɛ ose: Yɛtetew mu a, AWURADE nhwɛ me ne wo ntam.


Na ɔbɔfo no teɛɛ ne nsa Yerusalem so sɛ ɔresɛe no no, AWURADE nuu ne ho bɔne no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔresɛe ɔman no sɛ: Adɔɔso afei, pono wo nsa. Na AWURADE bɔfo no adu Yebusini Arauna awiporowbea ho.


Na woduu Tiro kurow a ɛyɛ den no ne Hewifo ne Kanaanfo nkurow nyinaa mu. Na wofi hɔ baa Yuda nifa fam wɔ Beer-seba.


Ɛnna ɔhene Asa ma wɔpaee Yuda nyinaa, wɔanyi obiara amfi mu, na wɔkɔsoaa Rama abo ne nnua a Basa de kyekyee no, na ɔhene Asa de kyekyee Geba-benyamin ne Mispa.


Nkurɔfo a wɔaka fi Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo mu a womfi Israelfo mu no,


Ɛte sɛ bosu a efi bepɔw Hermon so a esian gu Sion mmepɔw so, na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira, Yiw nkwa a enni awiei.


Atifi fam ne Anafo fam, wo ara na wobɔe, Tabor ne Hermon di wo din mu ahurusi.


Ayeforo, wo ne me mfi Lebanon, wo ne me mfi Lebanon nkɔ, na yemfi Amena atifi, Senir ne Hermon atifi, agyata tenabea, asebɔ mmepɔw so, nhwɛ fam.


Na me de, hwɛ, mete Mispa, sɛ megyina Kaldeafo a wɔba yɛn nkyɛn no anim; na mo de, monkɔboaboa nsa ne nnuaba ne ngo ano ngu mo nneɛma mu, na montena mo nkurow a moafofa mu.


Na Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn Mispa, na ɔne no tenaa nkurɔfo a wogyaw wɔn asase no so no mu.


na ɔman a Ismael faa wɔn nnommum fii Mispa no dannan wɔn ho san wɔn akyi baa Karea ba Yohanan nkyɛn.


Na Yudafo a wɔne ɔno Gedalia te Mispa no nyinaa ne Kaldeafo a wohuu wɔn hɔ a wɔyɛ akofo no nso, Ismael kunkum wɔn.


Amalek te anafo fam asase so, na Hetifo ne Yebusifo ne Amorifo tete bepɔw so, na Kanaanfo tete mpoano ne Yordan ho.


efi Aroer a ɛda Arnon subon kɔn so kosi Sion bepɔw a ɛne Hermon ho,


Sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn de wo du asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpam amanaman pii fi w’anim, Hetifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Kanaanfo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo, aman ason a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sen wo,


efi bepɔw a ɛso petee a ɛforo kɔ Seir ho kosi Baal-gad, Lebanon bon no mu, Hermon bepɔw ase. Na wɔn ahene no nyinaa, Yosua faa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn kunkum wɔn.


Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wokunkum wɔn na wɔtaa wɔn de koduu Sidon kɛse ne Misrefot-maim ho ne Mispa obon no mu, apuei fam, na wokunkum wɔn de kosii sɛ wɔannyaw wɔn oguanfo bi.


ne Gilead ne Gesurfo ne Maakatfo asase, ne Hermon bepɔw nyinaa ne Basan nyinaa de kosi Salka;


ne Gebalfo asase, ne Lebanon nyinaa wɔ owiapuei de fi Baal-gad a ɛwɔ Hermon bepɔw ase de kosi Hamat fam;


ne Dilean ne Mispe ne Yokteel,


Na Yebusifo a wɔte Yerusalem no de, Yudafo no antumi antu wɔn, na Yebusifo no ne Yudafo no tenaa Yerusalem de abesi nnɛ.


Mispe, Kefira ne Mosa,


Ɛnna Yosua kae sɛ: Eyi na mode behu sɛ Onyankopɔn teasefo no wɔ mo mu, na ɔpam na ɔbɛpam Kanaanfo ne Hetifo ne Hewifo ne Perisifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Yebusifo no afi mo anim.


Ɛnna Israelfo nyinaa tui, na asafo no ano behyiae sɛ onipa biako, efi Dan kosi Beer-seba, ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa, AWURADE nkyɛn.


Na Israelfo no kae sɛ: Israel mmusuakuw nyinaa mu hena na wamma guabɔ no mu AWURADE nkyɛn? Efisɛ wɔaka ntankɛse agu nea wamma AWURADE nkyɛn Mispa no so sɛ: Okum na wonkum no.


Na wɔkae sɛ: Israel mmusuakuw mu hena ara po na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfi Yabes-gilead amma bagua no mu, nsra no mu.


Filistifo ahemfo baanum no, ne Kanaanfo ne Sidonfo ne Hewifo a wɔte Lebanon bepɔw so de fi Baal-hermon bepɔw ho kosi Hamat ahyɛnee no nyinaa.


Na Israelfo no tenaa Kanaanfo, Hetifo ne Amorifo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo no mu.


Na Samuel hyiaa ɔman no baa AWURADE nkyɛn Mispa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan