Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 10:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Yerusalem hene Adoni-sedek soma kɔɔ Hebron hene Hoham ne Yarmut hene Piram ne Lakis hene Yafia ne Eglon hene Debir nkyɛn sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Yerusalemhene Adoni-sedek soma maa wɔkɔɔ Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir nkyɛn sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforo bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn se,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yerusalemhene Adoni-sedek soma maa wɔkɔɔ Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir nkyɛn sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti, Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforɔ bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Yerusalem hene Adoni-sedek soma kɔɔ Hebron hene Hoham ne Yarmut hene Piram ne Lakis hene Yafia ne Eglon hene Debir nkyɛn sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 10:3
19 Iomraidhean Croise  

Na Sara wui wɔ Kiriat-arba, ɛne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no. Na Abraham bae begyam Sara, na osuu no.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nguan no ho ye anaa; na san bɛka kyerɛ me. Na ɔsomaa no fii Hebron bon mu, na okoduu Sekem.


Na nna a Dawid dii Yuda fi so hene Hebron no ano si mfirihyia ason ne asram asia.


Na Yuda hene Hesekia soma kɔɔ Asaria hene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: Mayɛ bɔne; san fi me so: Na nea wode bɛto me so no, mɛsoa. Na Asaria hene hyɛe sɛ Yuda hene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛse ahasa ne sika dwetikɛse aduasa.


Ɛnna Asaria hene somaa ne sahene, anaa Tartan, ne Rabsaris anaa opiani ne ɔhene nsahyɛfo panyin anaa Rabsake fi Lakis ne dɔm a emu yɛ duru baa ɔhene Hesekia nkyɛn Yerusalem; na wɔforo baa Yerusalem; na wobegyinaa atifi tare a ɛwɔ Ɔtamahorofo asasewa no tempɔn ho no suka ho.


ne Adoraim ne Lakis ne Aseka,


nso Babel hene dɔm ne Yerusalem ne Yuda nkurow a aka a ɛne Lakis ne Aseka no nyinaa reko; na ɛnonom ne nkurow a ɛyɛ den a aka, Yuda nkurow mu.


Lakisfo, momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefo; ɛyɛ Sion babea bɔne mfiase, sɛ mo mu na wohuu Israel mmaratode no.


Na wɔforo faa nifa fam, na woduu Hebron, nea Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron no, wɔkyekyeree no mfe ason ansa na wɔkyekyere Soan a ɛwɔ Misraim).


Na Yerusalem hene Adoni-sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, na sɛnea ɔyɛɛ Yeriko ne ne hene no, saa ara na wayɛ Ai ne ne hene nso,


Na wɔyɛɛ saa, na woyiyii ahene baanum no fii ɔbodan no mu brɛɛ no: Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene ne Eglon hene.


Ɛnna Yosua twaam fii Lakis kɔɔ Eglon a Israel nyinaa ka ne ho, na wotuae, na wɔne wɔn koe.


Na Amorifo ahene baanum boaboaa wɔn ho ano bae, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, wɔne wɔn dɔm nyinaa, na wɔbɛbɔɔ Gibeon so nsra sɛ wɔne wɔn rebɛko.


Nso kan no na Hebron din ne Kiriat-arba; Arba yi ne Anakfo mu nipa kɛse koraa. Na asase no so dwoe fii akodi no mu.


ne Humta ne Kiriat-arba a ɛne Hebron, ne Sior: Nkurow akron ne ɛho nkuraa.


Na Yebusifo a wɔte Yerusalem no de, Yudafo no antumi antu wɔn, na Yebusifo no ne Yudafo no tenaa Yerusalem de abesi nnɛ.


ne Sela, Haelef ne Yebus a ɛne Yerusalem, Gibeat, Kiriat: Nkurow dunan ne ɛho nkuraa. Eyi ne Benyaminfo no agyapade sɛ wɔn mmusua te.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan