Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 1:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na dwen ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛnea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no. Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ebesi wo yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Mma mmara nwoma yi mmfiri w’anomu, na dwene ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ deɛ wɔatwerɛ no wɔ mu nyinaa teɛ no: Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ɛbɛsi wo yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Sua saa Mmara Nhoma yi bere biara. Dwen ho awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔakyerɛw wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Mma mmara nwoma yi mmfiri w’anomu, na dwene ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ deɛ wɔatwerɛ no wɔ mu nyinaa teɛ no: Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ɛbɛsi wo yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Sua saa Mmara Nwoma yi ɛberɛ biara. Dwene ho awia ne anadwo sɛdeɛ ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔatwerɛ wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na dwen ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛnea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no. Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ebesi wo yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 1:8
40 Iomraidhean Croise  

Na Isak fii adi kɔɔ wuram anwummere kɔdwennwenee ne nsɛm ho. Na ɔmaa n'ani so hwɛɛ, na hwɛ, yoma reba.


Na ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn nna a Sakaria a ɔyɛ Onyankopɔn adehu mu nhumufo no wɔ hɔ no nyinaa, na nna nso a ɔhwehwɛɛ AWURADE no, Onyankopɔn ma odii yiye.


Mede wo nsɛm makora me komam, na manyɛ wo ho bɔne bi.


Meredwen wo nsiesiei ho, na merehwɛ w’akwan.


Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.


Mewɔ nimdeɛ mesen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa, na w’adansesɛm ne m’adwene.


Ma m’anom nsɛm nyɛ wo fɛ, na me komam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, AWURADE, me botan ne me gyefo.


Mankora wo trenee so me komam, maka wo nokware ne wo nkwagye, mansiw w’adɔe ne wo nokware so, asafo kɛse mu.


Me ba, mma wo werɛ mmfi me mmara, na ma wo koma nni me mmara nsɛm so;


Na me de, eyi ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ose: Me honhom a ɛwɔ wo so no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anom no, ɛremfi w’anom ne w’asefo anom ne w’asefo asefo anom, AWURADE na ose, efi sesɛɛ de bɛkɔ akosi daa.


Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi nnepa adi; na onipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi nnebɔne adi.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.


Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no.


Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no mɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban ɔbotan so no ho.


Na ɔno de, ɔkae sɛ: Ampa ara nhyira ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so!


Sɛ munim eyinom na moyɛ a, nhyira ne mo.


Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.


Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia, na wɔde adom wɔn a wɔte no.


na yɛfaa wɔn asase de maa Rubenfo ne Gadfo ne Manasefo abusuakuw fa sɛ wonni so.


Enti monhwɛ apam yi mu nsɛm yi nni so, na nea moyɛ nyinaa awie mo yiye.


Na asɛm no bɛn wo papaapa, ɛwɔ w’anom ne wo koma mu sɛ yɛ.


a Israel nyinaa aba rebepue AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ no, kenkan mmara yi, Israel nyinaa anim gu wɔn asom.


Na Mose kyerɛw mmara yi mu nsɛm de hyɛɛ nhoma mu wiei koraa no,


Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, muntie ahyɛde ne atemmude a mereka magu mo asom nnɛ yi, na munsua, na munni so nyɛ.


O, sɛ anka wobenya koma a ɛte sɛɛ na wɔde asuro me adi me mmara nsɛm so nna nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma yiye daa ɛ!


Enti monhwɛ na monyɛ sɛnea AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; mommman nifa anaa benkum;


Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree; monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho nyansa nyinaa mu, momfa sanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛw so wɔ mo koma mu mma Onyankopɔn.


Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa ara, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfi ho nkɔ nifa anaa benkum, na nea wobɛkɔ nyinaa woadi yiye.


Na ɛno akyi no, ɔkenkan mmara mu nsɛm no nyinaa, nhyira no ne nnome no, sɛnea wɔakyerɛw nhoma no mu nyinaa.


Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntade, sɛnea wɔbenya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apon ano akɔ kurow no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan