Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 1:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Obi biara rennyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi; merempa wo na merennyaw wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Obiara biara rentumi nnyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire; merempa wo na merennya wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Obiara rentumi nsɔre ntia wo, wo nkwanna nyinaa. Sɛnea na mekaa Mose ho no, saa ara na mɛka wo ho. Merennyaw wo na merempa wʼakyi da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Obiara biara rentumi nnyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire; merempa wo na merennya wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Obiara rentumi nsɔre ntia wo wɔ wo nkwa nna nyinaa. Sɛdeɛ na meka Mose ho no, saa ara na mɛka wo ho. Merennya wo na merempa wʼakyi da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Obi biara rennyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi; merempa wo na merennyaw wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 1:5
34 Iomraidhean Croise  

AWURADE dii Yosef akyi, na ɔyɛɛ ɔbarima a ne ho wɔ siade, na ɔtenaa ne wura Misraimni no fi.


Sɛnea AWURADE ne me wura ɔhene tenae no, saa ara nso na ɔne Solomon ntena, na ɔmma n’agua nso nsen me wura ɔhene Dawid agua no.


Na sɛ wutie nea mɛhyɛ wo nyinaa na wonantew m’akwan so na woyɛ nea ɛteɛ m’ani so, sɛ wubedi m’ahyɛde ne me mmara nsɛm so sɛnea m’akoa Dawid yɛe no a, ɛnne medi w’akyi na masi ofi a etim hɔ mama wo; sɛnea misi memaa Dawid no, na mede Israel mama wo;


na mɛtena Israelfo mu, na merennyaw me man Israel.


AWURADE yɛn Nyankopɔn nni yɛn akyi, sɛnea odii yɛn agyanom akyi no, onnnyaw yɛn, nanso ɔmmpa yɛn.


Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: Hyɛ wo ho den na mia w’ani, na yɛ, nsuro na mma wo bo nntu, na AWURADE Nyankopɔn, me Nyankopɔn no, di w’akyi. Ɔrempa wo na ɔrennyaw wo de bɛkɔ akosi sɛ wobewie AWURADE fi som ho adwuma no nyinaa.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛse. Sela


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Medi w'akyi; na eyi bɛyɛ wo sɛnkyerɛnne sɛ me na mesomaa wo: wunya yi ɔman no fi Misraim ba a, mobɛsom Nyankopɔn wɔ bepɔw yi so.


Na megya anifuraefo ɔkwan a wonnim mu so, mɛma wɔanantew atempɔn a wonnim so so. Mɛma sum ayɛ hann, wɔn anim, na nea ɛyɛ abonkyiabonkyi no, mɛyɛ no tamaa. Ade yi na mɛyɛ mama wɔn, na merennyaw wɔn.


Nsuro wɔn anim, na wo de, medi w’akyi, na mayi wo, AWURADE asɛm ni.


Na nea ɔba no so no bɛyɛ sɛnea ɔpɛ, na obi nni hɔ a obegyina n’anim; na obegyina asase fɛfɛ no so, na ɔde ne nsa asɛe no.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.


Na afei yebese eyinom ho dɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi?


Nanso eyinom nyinaa mu na yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so.


Sɛ wutu sa ne w’atamfo akɔko na wuhu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne ɔman a wɔdɔɔso sen wo a, nsuro wɔn, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn a ɔde wo fi Misraim asase so bae no ka wo ho.


efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn ne mo na ɛnam ne mo atamfo rekɔko ama mo na wagye mo.


Na AWURADE hyɛɛ Nun ba Yosua sɛ: Yɛ den na yɛ nnam; na wo na wode Israelfo bɛkɔ asase a mekaa wɔn ɛho ntam no so: Na me na medi w’akyi.


na AWURADE wo Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn mmɔborohunufo, ɔrempa wo na ɔrensɛe wo, na ne werɛ remfi w’agyanom apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wɔn no.


Na ɔde wɔn ahene bɛhyɛ wo nsa, na woasɛe wɔn din afi ɔsoro ase; obiara rentumi nnyina w’anim de bɛkɔ akosi sɛ wobɛsɛe wɔn.


Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman nyinaa ate; na woyii me gyata anom.


Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ; efisɛ ɔno ankasa aka sɛ: Merennyaw wo, nanso merempa wo da.


Sɛnea yetiee Mose, nsɛm nyinaa no, saa ara na yebetie wo; odi na AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyi, sɛnea odii Mose akyi no.


Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsam na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.


Na AWURADE maa wɔn asomdwoe hyiae, sɛnea ɔkaa wɔn agyanom ntam no ara, na wɔn atamfo nyinaa mu biara annyina wɔn anim; AWURADE de wɔn atamfo no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mefi ase mayɛ wo kɛse Israel nyinaa ani so, na wɔahu sɛ, sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi.


Na AWURADE dii Yosua akyi, na wɔtee ne nka asase no nyinaa so.


Na sɛ Awurade ma akannifo so ma wɔn a, ɛnne Awurade di ɔkannifo no akyi na ogye wɔn fi wɔn atamfo no nsam, ɔkannifo no nna nyinaa, efisɛ wɔn ahawfo ne wɔn ataafo anim apinisi no nti, AWURADE yam hyehyee no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, medi w’akyi na woakum Midian sɛ onipa biako.


Na sɛ nsɛnkyerɛnne yi ba mu ma wo a, yɛ nea wo nsa bɛso so fa, na Onyankopɔn di w’akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan