Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 efi sare no so ne Lebanon yi ho de kosi asu kɛse no, asubɔnten Eufrate ano, Hetifo asase nyinaa de kosi po kɛse no ano wɔ nea owia kɔtɔ hɔ na ɛnyɛ mo hye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 ɛfiri serɛ no so ne Lebanon yi ho de kɔsi asu kɛseɛ no, Asubɔntene Eufrate ano, Hetifoɔ asase nyinaa de kɔsi ɛpo kɛseɛ no ano wɔ deɛ owia kɔtɔ hɔ na ɛnyɛ mo hyeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Efi Negeb sare a ɛwɔ anafo fam kosi Lebanon mmepɔw a ɛwɔ atifi fam, efi Asubɔnten Eufrate a ɛwɔ apuei fam kosi Ntam Po a ɛwɔ atɔe fam, ne Hetifo asase nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 ɛfiri serɛ no so ne Lebanon yi ho de kɔsi asu kɛseɛ no, Asubɔntene Eufrate ano, Hetifoɔ asase nyinaa de kɔsi ɛpo kɛseɛ no ano wɔ deɛ owia kɔtɔ hɔ na ɛnyɛ mo hyeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛfiri Negeb ɛserɛ a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Lebanon mmepɔ a ɛwɔ atifi fam, ɛfiri Asubɔnten Eufrate a ɛwɔ apueeɛ fam kɔsi Ɛpo Kɛseɛ a ɛwɔ atɔeɛ fam, ne Hetifoɔ asase nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 efi sare no so ne Lebanon yi ho de kosi asu kɛse no, asubɔnten Eufrate ano, Hetifo asase nyinaa de kosi po kɛse no ano wɔ nea owia kɔtɔ hɔ na ɛnyɛ mo hye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 1:4
12 Iomraidhean Croise  

Na wɔde teaseɛnam fi Misraim ba a ne bo yɛ dwetɛ nnwetɛbona ahansia, ne ɔpɔnkɔ nso, ɔha aduonum; na saa ara na aguadifo de bi brɛ Hetifo ahemfo nyinaa ne Siria ahemfo.


Na Solomon dii ahenni nyinaa so fi asubɔnten Eufrate ano kosi Filistifo asase so ne Misraim hye so. Wɔde ayɛyɛde ba na wɔsom Solomon ne nkwa nna nyinaa.


Na Dawid kum Soba hene Hadadeser de kosii Hamat, ne kɔ a ɔkɔe sɛ ɔde ne nsa rekosi Eufrate asubɔnten ano no mu.


Na apuei fam nso ɔtenae de kosii sare a efi asubɔnten Eufrate ho no ano; na wɔn mmoakuw dɔɔso Gilead asase so.


Nanso ahemfo akɛse tenaa Yerusalem, na wodii asuogya hɔ nyinaa so, na woyii tow ne amanne ne akwanne maa wɔn nso.


Na metwa wo hye mafi mmɛw po ano akosi Filistifo po ano, na afi sare so akosi asu no ano; na meyi asase no sofo mahyɛ mo nsa na woapam wɔn afi w'anim.


Bepɔw yi ho tena adɔɔ mo so; monnan mo ho ntu nkɔ Amorifo bepɔw ne nsase a ɛbemmɛn ho wɔ Araba tataw so no so, bepɔw so ne tataw so ne nifa fam ne mpoano nyinaa, Kanaanfo asase so ne Lebanon so nkodu asu kɛse, asubɔnten Eufrate, ho.


Baabiara a mo nan betia no bɛyɛ mo de, efi sare so ne Lebanon, efi asu no, asubɔnten Eufrate, ho kosi akyiri po no ano bɛyɛ mo asase.


Mesrɛ wo, ma mintwa menkɔhwɛ asase pa a ɛwɔ Yordan agya no, bepɔw asase fɛfɛ no ne Lebanon.


a ɛka kyerɛ ɔbɔfo a ɔto so asia a ɔwɔ torobɛnto no sɛ: Sansan abɔfo baanan a wɔasesa wɔn asubɔnten kɛse Eufrate ho no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan