Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 M’akoa Mose awu enti afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman Israelfo yi nyinaa nkɔ asase a mede merema mo, no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 M’akoa Mose awu; afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman mu yi nyinaa nkɔ asase a mede merema wɔn, Israelfoɔ, no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Afei a me somfo Mose awu no, ɛsɛ sɛ wudi me nkurɔfo no anim kotwa Asubɔnten Yordan kɔ asase a mede rema wɔn no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 M’akoa Mose awu; afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman mu yi nyinaa nkɔ asase a mede merema wɔn, Israelfoɔ, no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Afei a me ɔsomfoɔ Mose awuo no, ɛsɛ sɛ wodi me nkurɔfoɔ no anim kɔtwa Asubɔnten Yordan kɔ asase a mede rema wɔn no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 M’akoa Mose awu enti afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman Israelfo yi nyinaa nkɔ asase a mede merema mo, no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 1:2
13 Iomraidhean Croise  

Na mede asase a woyɛ so hɔho yi, Kanaan asase nyinaa, mɛma wo ne w'asefo a ebedi w'akyi, sɛ daa awunnyade, na mayɛ wɔn Nyankopɔn.


Na womaa wɔn mma dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woka kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wɔbɛba so abedi so no so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: So woadwen m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden ni, nea mapaw no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu no so; ɔde atemmu befi akɔ amanaman mu.


ɛnyɛ sɛ m'akoa Mose te ne no, Ɔno na mede me fi nyinaa ahyɛ ne nsa;


Na fa adwuma yi hyɛ Yosua nsa, na hyɛ no den na hyɛ no baninha, efisɛ ɔno na ɔbɛkyɛ asase a wubehu no mu ama wɔn.


Na Mose frɛɛ Yosua, na ɔka kyerɛɛ no Israel nyinaa anim sɛ: Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, na wo na wobɛkyɛ ama wɔn.


Na AWURADE akoa Mose wui wɔ hɔ, Moab asase so, sɛnea AWURADE kae no.


Na AWURADE akoa Mose wu akyi no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfo no sɛ:


Momfa nsra no mu, na monhyɛ ɔman no sɛ: Munsiesie akwansoduan nsie, na ɛha yi nnansa morebetwa Yordan yi akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ munni so no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan