Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE akoa Mose wu akyi no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfo no sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na AWURADE akoa Mose wuo akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfoɔ no sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mose a ɔyɛ Awurade somfo no wu akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Nun babarima Yosua, Mose boafo no se,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na AWURADE akoa Mose wuo akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfoɔ no sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ wuo akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Nun babarima Yosua, Mose ɔboafoɔ no sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE akoa Mose wu akyi no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfo no sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 1:1
29 Iomraidhean Croise  

na Nimsi ba Yehu nso, sra no si Israel so hene; na Safat ba Elisa a ofi Abel-mehola no de, sra no si w’ananmu diyifo.


Na Yehosafat se: So AWURADE diyifo bi nni ha a yɛbɛkɔ ne nkyɛn akobisa AWURADE? Na Israel hene nkoa mu biako buae sɛ: Ɛha na Safat ba Elisa a ohwiee nsu guu Elia nsa so no wɔ.


Na wɔn a wɔsan fii nnommumfa mu bae no bagua no nyinaa bobɔɔ asese, na wɔtenatenaa asese no mu. Na Israelfo nyɛɛ saa da fi Nun ba Yosua bere so de besi da no. Na ɛyɛɛ anigye kɛse pa ara.


Na Mose sɔree, ɔne n'abofra Yosua, na Mose foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔw no so.


Na Nun ba Yosua a ɔyɛ Mose somfo fi ne mmerantebere mu no gyee so sɛ: Me wura Mose, bra wɔn!


ɛnyɛ sɛ m'akoa Mose te ne no, Ɔno na mede me fi nyinaa ahyɛ ne nsa;


eyinom ne mmarima a Mose soma kɔsraa asase no. Na Mose frɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yosua.


Efraim abusuakuw de, Nun ba Hosea;


Nea odi ade ketewaa mu nokware no di pii mu nokware; na nea ɔnteɛ ade ketewaa mu no, na ɔnteɛ bebree mu nso.


Yɛn agyanom nsa kaa saa ntamadan yi no, wɔne Yosua de baa amanaman a Onyankopɔn pam wɔn fii yɛn agyanom anim no asase so. Ɛte saa ara de besii Dawid bere so.


Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafo na wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn asɛmpa


Nun ba Yosua a ogyina w’anim no, ɔno na obedu hɔ; ɔno na hyɛ no den, na ɔno na ɔbɛkyɛ agyapade no ama Israel.


Na AWURADE hyɛɛ Nun ba Yosua sɛ: Yɛ den na yɛ nnam; na wo na wode Israelfo bɛkɔ asase a mekaa wɔn ɛho ntam no so: Na me na medi w’akyi.


AWURADE wo Nyankopɔn, ɔno na ɔretwa adi w’anim, ɔno na ɔbɛsɛe amanaman yi afi w’anim, na woadi wɔn so; Yosua na ɔretwa adi w’anim, sɛnea AWURADE aka no.


Na eyi ne nhyira a Onyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfo ansa na owui. Na ɔkae sɛ:


ne nsa a ɛyɛ den nyinaa ne ahude akɛse nyinaa a Mose yɛe Israel nyinaa anim no mu.


Na AWURADE akoa Mose wui wɔ hɔ, Moab asase so, sɛnea AWURADE kae no.


Na nyansa honhom yɛɛ Nun ba Yosua ma, efisɛ Mose de ne nsa guu no so; na Israelfo tiee no, na wɔyɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.


Paulo, Onyankopɔn akoa, ne Yesu Kristo somafo, ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi ne onyamesom pa ho nokware no nimdeɛ,


Yakobo, Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyerɛw kɔma mmusuakuw dumien a wɔahwete no sɛ: Anigye nka mo.


nkosi sɛ AWURADE de mo nuanom bɛtena ase sɛ mo, na wɔn nso wobedi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn no so ansa na moasan aba mo sodi asase no so abedi so, sɛ AWURADE akoa Mose de maa mo, Yordan agya owiapuei hɔ no.


M’akoa Mose awu enti afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman Israelfo yi nyinaa nkɔ asase a mede merema mo, no so.


AWURADE akoa Mose ne Israelfo no kaa wɔn gui, na AWURADE akoa Mose de asase no maa Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no ma wodii so.


ne nea ɔte ase no. Na miwui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mikura owu ne asaman nsafe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan