Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 9:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ɛsɛ yɛn sɛ adekyee wɔ hɔ yi, yɛyɛ nea ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛsɛ yɛn sɛ adekyeeɛ wɔ hɔ yi, yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Esiane sɛ adesae nkyɛ ba no nti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ ade sa a obiara ntumi nyɛ adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛsɛ yɛn sɛ adekyeeɛ wɔ hɔ yi, yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Esiane sɛ adesaeɛ nkyɛre ba no enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ adeɛ sa a, obiara ntumi nyɛ adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛsɛ yɛn sɛ adekyee wɔ hɔ yi, yɛyɛ nea ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 9:4
18 Iomraidhean Croise  

Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.


Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Obi mmɔɔ yɛn paa ɛ. Osee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turom hɔ!


Na osee onipa a ne nsa adwodwo no sɛ: Sɔre gyina mfinimfini!


Yesu buaa wɔn sɛ: Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a efi Agya no nkyɛn; emu nea ɛwɔ he nti na morebesiw me abo yi?


Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a, ɛnne munnnye me nnni;


Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka hann no bere tiaa bi wɔ mo mu. Mowɔ hann no yi, monnantew, na esum ammɛto mo; na nea ɔnam sum mu no nnim faako a ɔrekɔ.


Me de, mahyɛ wo anuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no.


Yesu see wɔn sɛ: M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.


Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu Agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a Ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ.


Na me de, mewɔ adanse a ɛsen Yohane de no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ minwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanse sɛ Agya no na asoma me.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mewɔ mo nkyɛn bere tiaa bi, na merebɛkɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn.


Na yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.


Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.


Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.


Monnantew nyansam wɔ ananafo mu, na monnsɛe mo bere kwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan