Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 9:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ oyi anaa n’agya ne ne na na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Onyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Yesu buaa sɛ: Ɛnyɛ oyi, anaa n’awofoɔ na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Nyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ ne mu ntira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Yesu buae se, “Ɛnyɛ nʼawofo anaa nʼankasa bɔne nti na nʼani afura. Na mmom nʼani afura sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Yesu buaa sɛ: Ɛnyɛ oyi, anaa n’awofoɔ na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Nyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ ne mu ntira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Yesu buaa sɛ, “Ɛnyɛ nʼawofoɔ anaa nʼankasa bɔne enti na nʼani afira. Na mmom, nʼani afira sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ oyi anaa n’agya ne ne na na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Onyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 9:3
16 Iomraidhean Croise  

Hwɛ, minim mo adwene ne adwemmɔne a mowɔ no me ho no,


Na ne bo fuw ne mfɛfo baasa no nso, sɛ wonnya mmuae bi bio, nanso wobuu Hiob fɔ.


Na AWURADE kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wiei no, AWURADE ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: Me bo afuw wo ne wo mfɛfo baanu no, efisɛ moanka me ho asɛm a ɛteɛ sɛnea m’akoa Hiob ayɛ no.


Anifuraefo hu ade, na mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, na asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo.


Na Yesu tee no, ɔkae sɛ: Ɔyare yi nyɛ owuyare, na Onyankopɔn anuonyam ntia, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Onyankopɔn ba no anuonyam.


Yesu see no sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ wugye di a, wubehu Nyankopɔn anuonyam?


Na nnipa a wɔwɔ hɔ no huu aboa no sɛ ɔsɛn ne nsa ho no, wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ owudifo a wanya nkwa afi po mu de, nanso aweredi nti, ɛmma onnya nkwa.


Na wɔteɛteɛɛ wɔn bio no, wogyaa wɔn, na ɔman no nti wonhu sɛnea wɔbɛtwe wɔn aso, efisɛ nea aba no nti wɔn nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.


Na yɛn de, yɛahu na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no yɛn ho no adi. Onyankopɔn ne ɔdɔ, na nea ɔte ɔdɔ mu no te Nyankopɔn mu, na Onyankopɔn te ne mu.


Eyi mu na Onyankopɔn dɔ no yii ne ho adi wɔ yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan