Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 8:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na wɔn de, wɔtee na wɔn ahonim yii wɔn ntɛn no, wofii adi mmiako mmiako fi mpanyimfo so besii wɔn a wodi akyiri so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbea a ogyina mfinimfini no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na wɔn deɛ, wɔteeɛ, na wɔn ahonim buu wɔn atɛn no, wɔfirii adi mmaako mmaako firi mpanimfoɔ so bɛsii wɔn a wɔdi akyire so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbaa a ɔgyina mfimfini no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, wofii ase fii hɔ mmaako mmaako fii mpanyin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbea no nko ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na wɔn deɛ, wɔteeɛ, na wɔn ahonim buu wɔn atɛn no, wɔfirii adi mmaako mmaako firi mpanimfoɔ so bɛsii wɔn a wɔdi akyire so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbaa a ɔgyina mfimfini no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Nnipa no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔhyɛɛ aseɛ firii hɔ mmaako mmaako firi mpanin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbaa no nko ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na wɔn de, wɔtee na wɔn ahonim yii wɔn ntɛn no, wofii adi mmiako mmiako fi mpanyimfo so besii wɔn a wodi akyiri so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbea a ogyina mfinimfini no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 8:9
22 Iomraidhean Croise  

Na ɔbea no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo Onyankopɔn nipa, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Wobaa me nkyɛn sɛ worebɛma wɔakae me bɔne na wɔakum me ba!


Na ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: Wo ara wunim, wo koma mu, bɔne a wode yɛɛ m’agya Dawid no nyinaa, na AWURADE adan wo bɔne no agu w’atifi.


Ɔsoro beyi n’amumɔyɛ adi, na asase bɛsɔre ahyɛ no.


sɛ abɔnefo ahurusidi nkyɛ, na nyaatwomfo anigye yɛ bere tiaa bi nko?


Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra asɛe no no ani nwu, na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsan wɔn akyi, na wɔnnan ahohorafo!


Woayɛ eyinom, na mayɛ komm nti, wususuw sɛ mete sɛ wo ara, mɛka w’anim na mede mataataa w’anim.


Me kra ho asɛmpɛfo ani bewu na wɔayera, ahohora ne nsopa bɛkata wɔn a wɔpɛ me bɔne so.


Na wo koma nim mpɛn bebree a wo nso wodomee ebinom.


Na ɔkaa saa no, n’atamfo no nyinaa ani wui, na nkurɔfokuw no nyinaa ani gyei anuonyanne a ɔyɛe no nyinaa nti.


Na Yesu maa ne mu so, na wanhu obiara sɛ ɔbea no nko no, osee no sɛ: Ɔbea, ɛhe na wo nkurobɔfo no wɔ? Obi ammu wo fɔ anaa?


Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; nea odi m’akyi no rennantew sum mu, na obenya nkwa hann.


Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefi bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.


Na Akyerɛwfo ne Farisifo no de ɔbea bi a wɔakyere no aguamammɔ mu bae; na wɔde no begyinaa mfinimfini no,


Na ɔbrɛɛ ne mu ase bio kyerɛkyerɛw fam.


Wɔde eyi kyerɛ sɛ wɔakyerɛw mmara adwuma no wɔ wɔn komam, na wɔn ahonim nso di wɔn adanse, na wɔn nsusuwii toto wɔn ho ano, anaasɛ nso etwitwa gye wɔn,


Wo a wuse wɔnnsɛe aware no, na wosɛe aware yi? Wo a wukyi ohoni no, na wofow asɔrefi nneɛma yi?


sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ a, Onyankopɔn so kyɛn yɛn koma na ohu ade nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan