Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 8:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na sɛ mibu atɛn po a, m’atemmu no yɛ nokware; efisɛ ɛnyɛ me nko, na me ne nea ɔsomaa me no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na sɛ mebu atɛn mpo a, m’atemmuo no yɛ nokorɛ; ɛfiri sɛ ɛnyɛ me nko ara na mebu atɛn, na mmom me ne Agya no a ɔsomaa me no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Nanso sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mibu atɛn a mʼatemmu bɛyɛ atɛntrenee, efisɛ ɛnyɛ me nko na mebu atɛn; Agya a ɔsomaa me no ka me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Na sɛ mebu atɛn mpo a, m’atemmuo no yɛ nokorɛ; ɛfiri sɛ ɛnyɛ me nko ara na mebu atɛn, na mmom me ne Agya no a ɔsomaa me no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Nanso, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mebu atɛn a, mʼatemmuo bɛyɛ atɛntenenee, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ me nko na mɛbu atɛn; Agya a ɔsomaa me no ka me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na sɛ mibu atɛn po a, m’atemmu no yɛ nokware; efisɛ ɛnyɛ me nko, na me ne nea ɔsomaa me no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 8:16
15 Iomraidhean Croise  

AWURADE anim, na ɔreba abebu asase atɛn, obebu wiase atɛn, trenee mu, ne amanaman, atɛntrenee mu.


Ɔhene tumfo a wodɔ atemmu, wo na wubu atɛntrenee, Yakob mu atemmu ne trenee, wo na wubu.


na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ eyi.


Di ahurusi pii, Sion babea! Huro, Yerusalem babea. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye; odwo, na ɔte afurum so, afurumforo a ɔyɛ afurummere ba so.


Hwɛ, dɔn no reba, na anya adu sɛ mo nyinaa bɛhwete akɔ mo nkurow mu, na moagyaw me nko; nanso ɛnkaa me nko ɛ, efisɛ Agya no ka me ho.


Na nea ɔsomaa me no ka me ho; onnyaw me nko, efisɛ meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.


efisɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu; ɔno na wama no asɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


Na mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɔ ne Ɔnokwafo, na obu atɛn na otu sa trenee mu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tentenyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na AWURADE de, ɔhwɛ komam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan