Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 8:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na ose: Obi ammu me fɔ, owura. Na Yesu see no sɛ: Me nso mimmu wo fɔ; kɔ na nkɔyɛ bɔne bio!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na ɔse: Obi ammu me fɔ, Owura. Na Yesu see no sɛ: Me nso memmu wo fɔ, kɔ na nkɔyɛ bɔne bio!]

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔbea no buaa Yesu se, “Dabi, Owura.” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ saa na ɛte de a, ɛno de me nso minni asɛm biara a mɛka de atia wo. Kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔse: Obi ammu me fɔ, Owura. Na Yesu see no sɛ: Me nso memmu wo fɔ, kɔ na nkɔyɛ bɔne bio!]

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔbaa no buaa Yesu sɛ, “Dabi, Owura.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ɛnneɛ me nso menni asɛm biara a mɛka de atia wo. Kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na ose: Obi ammu me fɔ, owura. Na Yesu see no sɛ: Me nso mimmu wo fɔ; kɔ na nkɔyɛ bɔne bio!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 8:11
27 Iomraidhean Croise  

Na so obi bɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: Mahu amane, merenyɛ amumɔyɛ bio,


Nea ɔkata ne mmarato so no, ɔrenkye ade, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.


Monhwehwɛ AWURADE, bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no.


Mise mo sɛ: Ɛnte sa, na mmom sɛ moansakra mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.


Mise mo sɛ: Ɛnte sa, na mmom sɛ moansakra mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.


Saa ara na mise mo sɛ: Anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho.


Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye na yɛn bo tɔ yɛn yam, efisɛ wo nua yi wui, na wanyan; na ɔyerae, na wɔahu no.


Mise mo sɛ: Saa ara na anigye bɛba ɔsoro, ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho sen nnipa trenee aduakron akron a enhia wɔn adwensakra.


Mammɛfrɛ atreneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.


Onipa ba no amma ammɛsɛe nnipa kra, na obegyee wɔn. Na wɔkɔɔ akuraa foforo bi ase.


Yesu buae sɛ: M’ahenni mfi wiase. Sɛ m’ahenni fi wiase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.


Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase.


Eyi akyi no, Yesu huu no asɔrefi, na osee no sɛ: Hwɛ, wo ho ayɛ wo den; nyɛ bɔne bio, na nea ɛyɛ bɔne sen eyi anyɛ wo.


Mo de, mubu ɔhonam ani atɛn; me de, mimmu obiara atɛn.


Anaasɛ wotew n’ayamye ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre mapa no ho tua a, wunnim sɛ Onyankopɔn ayamye de wo rekɔ adwensakra mu?


Na ɛfa me ho dɛn sɛ mebu wɔn a wɔmfra mo mu no nso atɛn bi? Ɛnyɛ wɔn a wɔfra mo mu no na mubu wɔn atɛn?


Sisi wo so atemmufo ne mpanyimfo, wo nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ wo mmusuakuw te no nyinaa mu, na wɔmfa atɛntrenee mmu ɔman no.


na kɔ asɔfo Lewifo ne ɔtemmufo a ɔwɔ so saa bere no nkyɛn kobisa, na wɔnkyerɛ wo atɛn a bu;


na mummu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagye, sɛnea yɛn nua dɔfo Paulo nso de ne nyansa a wɔde ama no kyerɛw mo no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan