Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 7:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Wiase ntumi ntan mo; na me na ɛtan me, efisɛ midi adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Wiase ntumi ntane mo; na me na ɛtane me, ɛfiri sɛ medi adanseɛ, sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mo de, nnipa tan mo a ɛnyɛ ye, nanso me de wɔtan me a ɛyɛ ye, efisɛ daa meka bɔne a wɔyɛ no kyerɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Wiase ntumi ntane mo; na me na ɛtane me, ɛfiri sɛ, medi adanseɛ sɛ, ne nnwuma yɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mo deɛ nnipa tan mo a ɛnyɛ yie, nanso me deɛ wɔtan me a ɛyɛ yie, ɛfiri sɛ, daa meka bɔne a wɔyɛ no kyerɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Wiase ntumi ntan mo; na me na ɛtan me, efisɛ midi adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 7:7
27 Iomraidhean Croise  

Na Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: So woahu me, me tamfo? Na ose: Mahu wo, efisɛ woatɔn wo ho ayɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.


Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima biako bi da so wɔ hɔ a anka yebetumi abisa AWURADE afi ne nkyɛn, nanso metan no, efisɛ ɔnhyɛ me ho nkɔm pa, sɛ bɔne nko, ɛyɛ Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka sa.


Na wɔde bɔne hyɛ me papa ananmu, na wokyi me de hyɛ me dɔ ananmu.


Ɔfɛwdifo nnɔ nea ɔka n’anim, ɔnkɔ anyansafo nkyɛn.


na nea ɔfom me no di ne kra aboro, wɔn a wɔtan me nyinaa dɔ owu.


wɔn a asɛm bi nti wɔtoto nnipa ano, na wosum nea ɔteɛ nnipa so wɔ kurow pon mu no afiri, na wɔde asɛnhunu bi tu ɔtreneeni asɛm gu.


Saa na AWURADE, Israel dimafo, ne kronkronni no ka kyerɛ nea wobu ne kra animtiaa, nea ɔman kyi no, nea ɔyɛ nhyɛsofo akoa no sɛ: Ahene behu, na wɔasɔresɔre, asafohene nso na wɔakotow asɔre, AWURADE a ɔyɛ ɔnokwafo, Israel kronkronni a ɔpaw wo no ntia.


Na daa merekasa a, ɛma meteɛm, akakabensɛm ne ɔsɛe na ɛma misu mefrɛ, na AWURADE asɛm adan me ahohora ne nsopa daa adesae.


Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na hwɛ, ɔsoa fitaa bi wɔ were no mu a adan nwi no fitaa, na anammono repuw nsoae no mu a,


Na mitwaa nguanhwɛfo no mu baasa kyenee ɔsram biako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahometew, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwini.


Na mɛbɛn mo mabebu atɛn, na mɛyɛ ɔdansefo a ne ho yɛ hare mahyɛ ntafowayifo ne awaresɛefo ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wodi apaafo apaade, okunafo ne ayisaa amim, na wosisi ɔhɔho, na wonsuro me no, asafo Awurade na ose.


Nnipa nyinaa kasa mo ho yiye a, munnue! Na saa ara nso na wɔn agyanom de yɛɛ atoro adiyifo no.


Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atan wɔn, efisɛ womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.


Na eyi mmom ne atemmu no, sɛ hann no aba wiase, na nnipa dɔ sum sen hann no; efisɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.


Efisɛ ɔhonam adwene yɛ nitan a ɛtan Onyankopɔn, na ɛmfa ne ho nhyɛ Onyankopɔn mmara no ase, na mpo entumi;


Na sɛ meka nokware mekyerɛ mo nti, madan mo tamfo anaa?


Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.


Wɔn de, wofi wiase. Eyi nti na wofi wiase kasa, na wiase tie wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan