Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 7:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na obi nyɛ biribi kokoam nhwehwɛ sɛ wobehu no bagua mu. Sɛ woyɛ eyinom a, yi wo ho kyerɛ wiase!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na obi nyɛ biribi kokoam nhwehwɛ sɛ wɔbɛhu no badwa mu. Sɛ woyɛ yeinom a, yi wo ho kyerɛ wiase!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ obi pɛ sɛ ogye din a ɔmmfa ne nneyɛe nsie. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa hu ne nneyɛe.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na obi nyɛ biribi kokoam nhwehwɛ sɛ wɔbɛhu no badwa mu. Sɛ woyɛ yeinom a, yi wo ho kyerɛ wiase!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ obi pɛ sɛ ɔgye edin a, ɔmmfa ne nneyɛeɛ nsie. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa hunu ne nneyɛeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na obi nyɛ biribi kokoam nhwehwɛ sɛ wobehu no bagua mu. Sɛ woyɛ eyinom a, yi wo ho kyerɛ wiase!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 7:4
12 Iomraidhean Croise  

Na ɔbɔfo a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifo no nyinaa de nokoro ka asɛmpa kyerɛ ɔhene, ma wo nsɛm nyɛ sɛ wɔn mu biako de, na ka nea eye!


Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛnea nnipa behu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkae nhoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntade ano nnwow akɛse.


na osee no sɛ: Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, tow wo ho kyene fam; na wɔakyerɛw sɛ: Wo nti ɔbɛhyɛ n’abɔfo, na wɔabɛsoa wo wɔn nsam, na woamfa wo nan ampem ɔbo.


Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfo no. Na wonyinnyan wɔn anim sɛnea nnipa behu sɛ wɔredi mmuada. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Na sɛ morebɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo no; na wɔpɛ sɛ wogyina hyiadan mu ne mmɔnten twea so bɔ mpae, na nnipa ahu wɔn. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adepa adi, na onipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adebɔne adi; na efi nea ayɛ koma ma aboro so no mu na ano ka.


Yesu buaa no sɛ: Me de, mekasae pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛe hyiadan mu ne asɔrefi, faako a Yudafo nyinaa ahyia, na kokoam de menkaa hwee.


Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Fi ha kɔ Yudea, na w’asuafo nso nhu wo nnwuma a woyɛ no.


Na ne nuanom po annye no anni.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan