Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 7:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Yesu buaa wɔn kae sɛ: Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Yesu buaa wɔn kaa sɛ: Me nkyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na deɛ ɔsomaa me no dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Yesu buaa wɔn se, “Nea merekyerɛ no mfi mʼankasa, na mmom efi Onyankopɔn a ɔsomaa me no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Yesu buaa wɔn kaa sɛ: Me nkyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na deɛ ɔsomaa me no dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Yesu buaa wɔn sɛ, “Deɛ merekyerɛ no mfiri mʼankasa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔsomaa me no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Yesu buaa wɔn kae sɛ: Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 7:16
14 Iomraidhean Croise  

Wunnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, emfi m’ankasa me tirim ne meka, na Agya a ɔte me mu no, ɔno na ɔyɛ nnwuma no.


Nea ɔnnɔ me no nni me nsɛm so; na asɛm a mote no nyɛ me dea, na ɛyɛ Agya a ɔsomaa me no dea.


Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atan wɔn, efisɛ womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.


efisɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahu ampa sɛ mifi wo nkyɛn na mebae, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Nea yenim na yɛka, na nea yɛahu na yedi ho adanse; nanso munnye yɛn adanse no.


Nea ofi soro ba no sen nnipa nyinaa. Nea ofi fam no fi fam, na ofi fam kasa; nea ofi soro ba no sen nnipa nyinaa,


Me de, mintumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛnea mete no na mibu atɛn, na m’atemmu no yɛ trenee. Na menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.


Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me de, menyan no ɛda a edi akyiri no.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ munya ma Onipa Ba no so a, ɛno na mubehu sɛ mene no, na memmɔ m’ankasa me tirim menyɛ biribi, na sɛnea Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka.


Obiara a ɔfom so na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ no mu no, onni Nyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔno na ɔwɔ Agya no ne Ɔba no.


Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nea etwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfo so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan