Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 7:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfo akuwakuw no mu wɔ ne ho. Ebinom se: Ɔyɛ onipa pa; na ebinom se: Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfo mmom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfoɔ akuakuo no mu wɔ ne ho. Ebinom se: Ɔyɛ onipa pa; na ebinom se: Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfoɔ mmom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu efisɛ na wosuro Yudafo mpanyin no. Ebinom se, “Ɔyɛ onipa pa.” Na afoforo nso se, “Ɔyɛ ɔdaadaafo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfoɔ akuakuo no mu wɔ ne ho. Ebinom se: Ɔyɛ onipa pa; na ebinom se: Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfoɔ mmom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu ɛfiri sɛ, na wɔsuro Yudafoɔ mpanin no. Ebinom se, “Ɔyɛ onipa pa.” Na afoforɔ nso se, “Ɔyɛ ɔdaadaafoɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfo akuwakuw no mu wɔ ne ho. Ebinom se: Ɔyɛ onipa pa; na ebinom se: Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfo mmom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 7:12
20 Iomraidhean Croise  

Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo, ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ ofiwura no Beelsebul a, mpɛn ahe na wɔremfa mfrɛ ne fifo?


Na wɔhwehwɛe sɛ wɔkyere no nanso, wosuroo nkurɔfo akuwakuw no, efisɛ wobuu no sɛ odiyifo.


sɛ: Owura, yɛakae sɛ ɔdaadaafo no te ase no, ɔkae sɛ: Nnansa akyi, menyan.


Na Yesu see no sɛ: Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye obiako, ɔne Nyankopɔn.


Na asraafo ha so panyin no huu nea aba no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa trenee.


Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔyɛ baguani na ɔyɛ onipa pa na ɔteɛ,


Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adepa adi, na onipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adebɔne adi; na efi nea ayɛ koma ma aboro so no mu na ano ka.


Na ehu kaa wɔn nyinaa, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifo kɛse asɔre yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man.


Afei nnipa no huu sɛnkyerɛnne a Yesu yɛe no, wɔkae sɛ: Ampa, odiyifo a ɔreba wiase no ni!


Farisifo no tee sɛ nkurɔfokuw no nwiinwii keka eyinom wɔ ne ho. Na Farisifo ne asɔfo mpanyin no somaa asomfo sɛ wɔnkɔkyere no.


Ɛnna Farisifo no buaa wɔn sɛ: Wɔadaadaa mo nso?


Wobua see no sɛ: Gyama wo nso wufi Galilea? Hwehwɛ mu, na wubehu sɛ odiyifo bi nsɔree wɔ Galilea pɛn.


Ɛnna Farisifo no mu bi kae sɛ: Onipa yi mfi Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ onni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ɔdebɔneyɛfo betumi ayɛ nsɛnkyerɛnne a ɛte sɛɛ yi? Na mpaepaemu baa wɔn mu.


Na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ne gyidi ahyɛ no ma. Na wɔde nkurɔfo bebree bɛkaa Awurade ho.


Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bewu ama nea ɔyɛ onipa trenee po; na nea ɔyɛ onipa pa no de, ebia anka obi besi ne bo sɛ obewu ama no.


Monkwati huhuhuhu ne akyinnyegye nyɛ ade nyinaa,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan