Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 7:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na eyinom akyi no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ okyini Yudea, efisɛ Yudafo no hwehwɛ no akum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na yeinom akyiri no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ ɔkyini Yudea, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Eyi akyi no Yesu kyinkyinii wɔ Galilea. Wampɛ sɛ obekyinkyin wɔ Yudea, efisɛ na Yudafo mpanyin no rehwehwɛ no akum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na yeinom akyiri no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ ɔkyini Yudea, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yei akyi no, Yesu tenaa Galilea a wampɛ sɛ ɔbɛsane akɔ Yudea, ɛfiri sɛ, na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na eyinom akyi no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ okyini Yudea, efisɛ Yudafo no hwehwɛ no akum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 7:1
19 Iomraidhean Croise  

Na sɛ wɔtaa mo kurow yi mu a, munguan nkɔ foforo mu; na nokware mise mo sɛ, morenwie Israel nkurow nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.


Nanso ahwɛsofo no huu ɔba no, wɔkekae wɔn mu sɛ: Oyi ne ɔdedifo no; mommra mma yenkum no, na n'agyapade no nyɛ yɛn de!


Na asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no tee, na wɔhwehwɛe sɛ wobekum no; nso wosuro no, efisɛ ne nkyerɛkyerɛ yɛ nkurɔfokuw no nyinaa nwonwa.


Eyi ne Yohane adanse bere a Yudafo somaa asɔfo ne Lewifo fi Yerusalem sɛ wonkɔbisa no sɛ: Woyɛ hena no.


Ofii Yudea, na osiim kɔɔ Galilea bio.


Eyi nso ne sɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fi Yudea baa Galilea no, ɔyɛe.


Eyinom akyi no, Yesu siim kɔɔ Galilea po, a ɛno ara ne Tiberia po, no agya.


Ɛnna Yudafo no hwehwɛɛ no afahyɛ no ase, na wose: Ɔwɔ he?


Nanso Yudafo no ho hu nti obi anyi anim anka ne ho asɛm pefee.


Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo mmara no? Nanso mo mu biara nni mmara no so. Adɛn na morehwehwɛ me akum me?


Ɛnna Yerusalemfo no mu bi kae sɛ: Ɛnyɛ oyi ne nea wɔrehwehwɛ no akum no no?


Ɛnna Yudafo no sisee wɔn ho sɛ: Ɛhe na oyi rebɛkɔ a yɛrenhu no? So ɔrebɛkɔ wɔn a wɔapete Helafo mu no mu akɔkyerɛkyerɛ Helafo?


Minim sɛ moyɛ Abraham asefo; nanso mohwehwɛ me akum me, efisɛ m’asɛm nsen mo mu.


na afei morehwehwɛ me akum me, me a maka mo nokware a mate Onyankopɔn nkyɛn no. Eyi de, Abraham anyɛ.


Yesu a ofi Nasaret: sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na okyinii yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn so no yare, efisɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan