Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 6:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atoko abodoo anum ne mpataa nketewa abien; na eyi yɛ dɛn ma nnipa pii yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atokoɔ paanoo nnum ne mpataa nketewa mmienu; na yei yɛ deɛn ma nnipa pii yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ brodo anum ne kyenam abien; na eyi betumi aso nnipa dodow yi di?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atokoɔ paanoo nnum ne mpataa nketewa mmienu; na yei yɛ deɛn ma nnipa pii yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ burodo enum ne nkyenam mmienu; na yei bɛtumi aso nnipa dodoɔ yi di?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atoko abodoo anum ne mpataa nketewa abien; na eyi yɛ dɛn ma nnipa pii yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 6:9
24 Iomraidhean Croise  

Na atoko ne sare a wɔde ma apɔnkɔ ne apɔnkɔ ahoɔharefo nso, wɔde baa nea wɔwɔ hɔ no, wɔn nyinaa sɛnea wɔahyehyɛ wɔn.


Ɛnna Elisa kae sɛ: Muntie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE se ni: Ɔkyena sesɛɛ awisam susuw ade biako bedi dwetɛbona, na atoko susuw ade abien bedi dwetɛbona, Samaria kurow pon ano.


Ɔma w’ahye so dwo, ɔde awi mu awi pa ma wudi mee.


na wɔkasa hyɛɛ Onyankopɔn sɛ: So Onyankopɔn betumi atow ɔpon sare so?


Na wɔsan sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na woyii Israel kronkronni no ahii.


Na ɔde awi mu awi pa bɛyɛn wɔn, na mede abotan mu wo mɛma woamee.


Yuda ne Israel asase ne wo di gua; Minit awi ne paanoo ne ɛwo ne ngo ne aneneduhuam na wɔde gye w’aguade;


Na wosee no sɛ: Yenni biribi ha yi sɛ abodoo anum ne mpataa abien.


Munnya nhui ɛ, na monkae nnipa mpemnum abodoo anum ne nkɛntɛn dodow a munyae no?


Na osee wɔn sɛ: Abodoo ahe na mowɔ? Monkɔ nkɔhwɛ! Na wɔkɔhwɛe no, wɔkae sɛ: Anum ne mpataa abien.


Mibubuu abodoo anum memaa mpemnum no, mporoporowa nkyerɛnkyɛ ma ahe na motasee? Ɛnna wose: Dumien.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma wɔn biribi nni! Na wose: Yenni biribiara sɛ abodoo anum ne mpataa abien pɛ, gye sɛ yɛkɔtɔ aduan ma nkurɔfo yi nyinaa.


Ɛnna Marta see Yesu sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu.


Ɛnna Maria duu faako a Yesu wɔ hɔ na ohuu no no, ɔkotow ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuammarima anwu.


Na Yesu see wɔn sɛ: Momfa nam a muyii mprempren no bi mmra!


Ɛnna Yesu bɛfaa abodoo no de maa wɔn, ɛne apataa no saa ara.


Na wosii fam no, wohuu nnyansramma a nam gu so, ne abodoo.


Na Yesu faa abodoo no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; ne mpataa no nso dodow a wɔpɛ.


Filipo buaa no sɛ: Abodoo denare ahanu renso wɔn sɛ wɔn mu biara benya kakra.


Na munim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefo de, nanso, mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, sɛ monam ne hia no so abɛyɛ adefo.


anantwi nufusu ani srade, ne nguan nufusu, ne nguammuruwa srade, ne Basan adwennini ne mpapo de, ne awi asaabo mu srade, na wonom bobe aba mu mogya gyenennyenen.


asase a awi ne atoko ne bobe ne borɔdɔma ne ateaa wɔ so, asase a ɛso wɔ ngodua ne ɛwo,


Na metee nne bi ateasefo baanan no mfinimfini a ese: Yɛ awi susukora denare, na yɛ aburow susukora abiɛsa denare; nanso ngo ne nsa de, nyɛ no hwee!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan