Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 6:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na nkurɔfokuw kɛse dii n’akyi, efisɛ wohuu nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe wɔn a wɔyare ho no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na nkurɔfokuo kɛseɛ dii n’akyi, ɛfiri sɛ na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ no wɔn a wɔyareɛ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Esiane sɛ nkurɔfo huu sɛ Yesu nam anwonwakwan so asa nnipa pii yare no nti, wodii nʼakyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na nkurɔfokuo kɛseɛ dii n’akyi, ɛfiri sɛ na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ no wɔn a wɔyareɛ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Esiane sɛ nkurɔfoɔ hunuu sɛ Yesu nam anwanwakwan so asa nnipa pii yadeɛ no enti, wɔdii nʼakyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na nkurɔfokuw kɛse dii n’akyi, efisɛ wohuu nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe wɔn a wɔyare ho no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 6:2
19 Iomraidhean Croise  

Na Yesu hui no, ɔtwee ne ho fii hɔ, na nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yare.


Na nkurɔfo akuwakuw pii boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na enti ɔkɔɔ ɔkorow mu kɔtenaa mu; na nkurɔfokuw no nyinaa gyinagyina mpoano.


Na osii fam behuu nkurɔfo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefo yare.


Na ofi bepɔw no so sianee no, nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi.


Na ɔno de, ofii adi no, ofii ase kekaa no pii na ɔmaa asɛm no trɛwee, na enti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kurow biara mu bio; na mmom ɔtenaa sare so hɔnom baabi, na wofi mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.


Na nkurɔfo huu wɔn sɛ wɔrekɔ, nso na pii nim wɔn; na wɔnam fi nkurow no nyinaa mu tutuu mmirika kɔɔ hɔ, na wotwaa wɔn ano.


Ɛnna asɔfo mpanyin ne Farisifo no ma wokohyiaa baguafo no, na wɔkae sɛ: Dɛn na yɛbɛyɛ, efisɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne pii.


Eyi nti nso na nkurɔfokuw no kohyiaa no, efisɛ wɔate sɛ wayɛ saa sɛnkyerɛnne no.


Na wayɛ saa nsɛnkyerɛnne bebree wɔ wɔn anim de, nanso wɔannye no anni,


Yesu nsɛnkyerɛnne no mu nea edi kan yi, ɔyɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na oyii n’anuonyam kyerɛe; na n’asuafo no gyee no dii.


Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ no ase no, afahyɛ no ase nnipa bebree huu ne nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe no, na wogyee ne din dii.


Na afei, nsɛnkyerɛnne pii nso wɔ hɔ a Yesu yɛe asuafo no anim a wɔankyerɛw nhoma yi mu.


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na obesee no sɛ: Rabi, yenim sɛ wufi Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Afei nnipa no huu sɛnkyerɛnne a Yesu yɛe no, wɔkae sɛ: Ampa, odiyifo a ɔreba wiase no ni!


Ade kyee no, na nkurɔfokuw a wogyina ɛpo no agya no hui sɛ ɔkorow biara nni hɔ sɛ biako a n’asuafo no kɔɔ mu no, nanso ɛnyɛ Yesu ne wɔn na ɛkɔɔ ɔkorow no mu, n’asuafo no nko na ɛkɔe.


Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ muhuu nsɛnkyerɛnne nti na mohwehwɛ me, na sɛ mudii abodoo no bi na momee ntia.


Ɛnna wosee no sɛ: Ɛnne sɛnkyerɛnne bɛn na woreyɛ, na yɛahu na yɛagye wo adi? Dɛn na woreyɛ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan