Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 5:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Ɔno na Yesu huu no sɛ ɔda hɔ na ɔtee sɛ wakyɛ no, osee no sɛ: Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Ɔno na Yesu hunuu no sɛ ɔda hɔ, na ɔnim sɛ wakyɛre hɔ no, ɔbisaa no sɛ: Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Yesu huu sɛ wayare ada hɔ akyɛ no, obisaa no se, “Wopɛ sɛ wo ho tɔ wo ana?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Ɔno na Yesu hunuu no sɛ ɔda hɔ, na ɔnim sɛ wakyɛre hɔ no, ɔbisaa no sɛ: Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yesu hunuu sɛ wayare ada hɔ akyɛre no, ɔbisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Ɔno na Yesu huu no sɛ ɔda hɔ na ɔtee sɛ wakyɛ no, osee no sɛ: Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 5:6
9 Iomraidhean Croise  

Me honhom tɔ beraw me mu a, wo na wunim me kwan. Ɔkwan a menam so no so na wosum me afiri.


Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyi kwan no; na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wobehu me. Mekae sɛ: Mini, mini, mekyerɛɛ ɔman a wɔammɔ me din no.


Mahu w’atantansɛm no W’awaresɛe ne wo mmɔnbɔ, w’aguamammɔ a womfɛre ho no, wɔ nwuram ne nkoko so. Due, O Yerusalem, enkosi da bɛn ara na wo ho bɛtew bio?


sɛ: Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo? Na ɔkae sɛ: Awurade, ma minhu ade.


Osee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛhow sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na obuaa no sɛ: Awurade, wunim ade nyinaa, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛn me nguan!


Na onipa bi wɔ hɔ a wadi mfirihyia aduasa awotwe n’ahoɔmmerɛw mu.


Ɔyarefo no buaa no sɛ: Owura, minni onipa bi a sɛ nsu no fono a, ɔde me kɔto ɔtare no mu; na sɛ merekɔ a, na obi adi me kan akɔ mu.


Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.


Na yenni ɔsɔfo panyin a ontumi nhu yɛn mmerɛwyɛ na onni tema mma yɛn, na mmom nea wɔasɔ no ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso onni bɔne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan