Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 5:4 - KYERƐW KRONKRON

4 (retwɛn nsu no wosow. Na edu bere bi mu a, ɔbɔfo sian ba ɔtare no mu bɛfono nsu no, na nea nsu no fono akyi no odi kan kɔ mu no, ɔyare biara a ɔyare no, na ne ho ayɛ no den.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɛduru berɛ bi mu a, ɔbɔfoɔ siane ba tadeɛ no mu bɛhono nsuo no, na deɛ nsuo no hono akyiri no, ɔdi kan kɔ mu no, yadeɛ biara a ɔyareɛ no, na ne ho ayɛ no den.]

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nea ɛte ne sɛ, sɛ ɔbɔfo no fono nsu no wie a, ɔyarefo a obedi kan atɔ mu no nya ayaresa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɛduru berɛ bi mu a, ɔbɔfoɔ siane ba tadeɛ no mu bɛhono nsuo no, na deɛ nsuo no hono akyiri no, ɔdi kan kɔ mu no, yadeɛ biara a ɔyareɛ no, na ne ho ayɛ no den.]

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, sɛ ɔbɔfoɔ no hono nsuo no wie a, ɔyarefoɔ a ɔbɛdi ɛkan atɔ nsuo no mu no nya ayaresa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 (retwɛn nsu no wosow. Na edu bere bi mu a, ɔbɔfo sian ba ɔtare no mu bɛfono nsu no, na nea nsu no fono akyi no odi kan kɔ mu no, ɔyare biara a ɔyare no, na ne ho ayɛ no den.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 5:4
18 Iomraidhean Croise  

Na Elisa somaa ɔbɔfo kɔɔ ne nkyɛn sɛ: Kɔ na koguare mpɛn ason Yordan mu, na wo ho bɛsan aba wo ho, na wo ho afi.


Mayɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ medi wo mmara nsɛm so.


Mma nna nnkɔ w’aniwa mu, na mma w’anisuatɛtɛw nntɔ nnko;


Me de, medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsu yi fi sen kɔ apuei fam dantaban no mu na esian kɔ tataw no so, na ɛkɔ po mu; ɛpo mu na nsu a efi sen yi kɔ, na asa nsu no yare.


Ɔwofo awoko bɛka no; ɔno de, ɔyɛ ɔba a onni nyansa, sɛ edu ne bere so a, ommegyina nea mma fa mu sian hɔ.


Ɛda no, wobebue nsuaniwa ano ama Dawid fi ne Yerusalemfo, bɔne ne ahokum fam.


Na ɛda no, ɛbɛba sɛ nkwa nsu betue afi Yerusalem, emu fa bɛkɔ apuei fam po no mu, na ɔfa akɔ atɔe fam po no mu, ahohurubere ne awɔwbere mu na ɛbɛba.


Na efi Osuboni Yohane bere so besi nnɛ, wɔyɛ ɔsoro ahenni ho ade anibere so, na wɔn a wɔn ani abere no fa no anuɔden so.


Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu! Na mise mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛn, na wɔrentumi.


Mmara ne adiyifo no bɛpem Yohane so; na efi ɛno so no, wɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa, na obiara nam anibere so kɔ mu.


Na eyinom mu na nnipa pii, ayarefo, anifuraefo, mpakye ne wɔn a wɔn fa awuwu dedae


Na onipa bi wɔ hɔ a wadi mfirihyia aduasa awotwe n’ahoɔmmerɛw mu.


Ɔyarefo no buaa no sɛ: Owura, minni onipa bi a sɛ nsu no fono a, ɔde me kɔto ɔtare no mu; na sɛ merekɔ a, na obi adi me kan akɔ mu.


Saa na anka mo mu bi te ara nen; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntam, na ne ba Yesu mogya tew yɛn ho fi bɔne nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan