Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 4:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Nso Yakob abura wɔ hɔ. Na sɛ ɛnam sɛ Yesu abrɛ n’akwantu mu nti, ɔtenaa abura no so saa ara; ɛbɛyɛ awia dumien.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Nso na Yakob abura wɔ hɔ. Na ɛnam sɛ Yesu abrɛ wɔ n’akwantuo mu nti, ɔtenaa abura no so. Na abɔ bɛyɛ sɛ awia dummienu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ nti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa bere no bɛyɛ awia nnɔndumien.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Nso na Yakob abura wɔ hɔ. Na ɛnam sɛ Yesu abrɛ wɔ n’akwantuo mu nti, ɔtenaa abura no so. Na abɔ bɛyɛ sɛ awia dummienu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ enti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa ɛberɛ no bɛyɛ awia nnɔndumienu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Nso Yakob abura wɔ hɔ. Na sɛ ɛnam sɛ Yesu abrɛ n’akwantu mu nti, ɔtenaa abura no so saa ara; ɛbɛyɛ awia dumien.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 4:6
12 Iomraidhean Croise  

Na efi bɛyɛ awia dumien bere mu no, esum duruu asase nyinaa so kosii awia nnɔnabiɛsa.


Na odii mmuada adaduanan awia ne anadwo, akyiri yi no, ɔkɔm dee no.


Na hwɛ, ahum kɛse bi tui ɛpo no so, na ɛmaa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so; na ɔno de, na wada.


na ɔwoo n’abakan barima, de ntama kyekyeree no, de no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya ɔkwan ahɔhodan no mu.


Na Yesu see no sɛ: Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw; na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.


Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ nnɔnhwerew dumien na ɛwɔ da biako mu? Sɛ obi nam awia a, onhintiw, efisɛ ohu wiase hann;


So woyɛ kɛse sen yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi na ɔno ankasa ne ne mma ne ne mmoa nom bi no anaa?


Na afei oduu Samaria kurow bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asasewa a Yakob de maa ne ba Yosef no ho.


Na ɔbea bi a ofi Samaria baa hɔ bɛtow nsu. Yesu see no sɛ: Ma me bi mennom!


Na munim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefo de, nanso, mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, sɛ monam ne hia no so abɛyɛ adefo.


Enti ehiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nneɛma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborohunu ne nokware sɔfo panyin, Onyankopɔn fam nneɛma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata.


Na yenni ɔsɔfo panyin a ontumi nhu yɛn mmerɛwyɛ na onni tema mma yɛn, na mmom nea wɔasɔ no ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso onni bɔne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan